5 Toma bisaa no se, “Awurade yennim faako a worekɔ na yɛbɛyɛ dɛn ahu ɔkwan aba hɔ bi?”
6 Yesu buae se, “Mene ɔkwan ne nokware ne nkwa no; obi ntumi nkɔ Agya no hɔ, gye sɛ ɔfa me so.” 7 Yesu kaa bio se, “Afei a moahu onipa ko a meyɛ yi, saa ara nso na mubehu mʼAgya no, na efi saa bere yi munim no, efisɛ moahu no!”
8 Filipo bisaa no se, “Awurade, kyerɛ yɛn Agya no, efisɛ nea yɛrehwehwɛ ara ne no.”
9 Yesu buaa no se, “Filipo, enti me ne mo nantewee dedaada yi, wunnim onipa ko a meyɛ? Obiara a onim onipa ko a meyɛ no nim mʼAgya no. Adɛn nti na woka se, ‘Kyerɛ yɛn Agya’ no? 10 Filipo wunnye nni sɛ mewɔ Agya no mu na Agya no nso wɔ me mu ana? Yesu san ka kyerɛɛ nʼasuafo no se, nsɛm a maka akyerɛ mo no mfi mʼankasa. Agya a ɔte me mu no na ɔnam me so yɛ nʼadwuma. 11 Munnye me nni sɛ mewɔ Agya no mu na Agya no nso wɔ me mu. Sɛ munnnye nsɛm a maka no nni a, nnwuma a mayɛ no nti, munnye nni. 12 Mereka nokware akyerɛ mo, obiara a ogye me di no bɛyɛ nnwuma a meyɛ no bi na mpo ɔbɛyɛ nnwuma akɛseakɛse, efisɛ merekɔ mʼAgya no nkyɛn. 13 Na biribiara a mubebisa wɔ me din mu no, mɛyɛ ama mo, sɛnea ɛbɛyɛ a Agya no anuonyam nam ne Ba no so bɛda adi. 14 Biribiara a mode me din bebisa no, mɛyɛ ama mo.”
22 Yuda a ɛnyɛ Iskariot no, kae se, “Awurade, ɛbɛyɛ dɛn na wobɛda wo ho adi akyerɛ yɛn nko ara na ɛnyɛ nnipa nyinaa?”
23 Yesu buaa no se, “Obiara a ɔdɔ me no bedi me nsɛm so. MʼAgya bɛdɔ no na me ne mʼAgya bɛba ne nkyɛn ne no abɛtena. 24 Obiara a ɔnnɔ me no renni me nsɛm so. Nsɛm a moate no nyɛ me ara me nsɛm, na mmom efi mʼAgya a ɔsomaa me no nkyɛn.
25 “Mewɔ mo nkyɛn yi na mereka eyinom nyinaa akyerɛ mo. 26 Honhom Kronkron no a ɔne ɔboafo a Agya no bɛsoma no wɔ me din mu no bɛkyerɛkyerɛ mo biribiara, na wakaakae mo biribiara a maka akyerɛ mo no. 27 Asomdwoe na mede regyaw mo; mʼasomdwoe na mede regyaw mo. Ɛnyɛ wiase asomdwoe na mede regyaw mo. Mommma mo koma ntu; na munnsuro nso.
28 “Motee sɛ mekae se, ‘Merekɔ nanso mɛsan aba mo nkyɛn bio’ no. Sɛ modɔ me ampa ara a, anka mo ani begye, efisɛ afei de, metumi akɔ Agya a ɔwɔ tumi sen me no nkyɛn. 29 Maka eyinom akyerɛ mo sɛnea ɛba mu a mubegye me adi. 30 Merentumi nkɔ so nkasa pii nkyerɛ mo bio, efisɛ ɔbonsam no reba, nanso onni me so tumi. 31 Na ɛsɛ sɛ nnipa hu sɛ medɔ Agya no, ɛno nti na asɛm biara a ɔbɛka no meyɛ no.