12 Onipa bɛn na onim nyansa ara sɛ ɔbɛte eyi ase? Hena na Awurade akyerɛkyerɛ no a obetumi akyerɛ ase? Adɛn nti na wɔasɛe asase no ama ada mpan sɛ nweatam a obiara ntumi mfa so?
13Awurade kae se, “Esiane sɛ wɔapo me mmara a mehyɛ maa wɔn no nti, wɔanyɛ osetie amma me na wɔanni me mmara so. 14 Mmom, wɔadi wɔn koma asoɔden akyi, wɔadi Baalnom akyi sɛnea wɔn agyanom kyerɛɛ wɔn no.” 15 Ɛno nti, nea Asafo Awurade, Israel Nyankopɔn no se ni: “Hwɛ, mɛma saa nnipa yi adi aduan a ɛyɛ nwen na wɔanom nsu a wɔde awuduru afra. 16 Mɛbɔ wɔn ahwete amanaman a wɔn anaa wɔn agyanom nnim so no so, na mede afoa bɛtaa wɔn kosi sɛ mɛsɛe wɔn.”
17 Sɛnea Awurade tumfo se ni:
“Dwene ho! Frɛ mmea agyaadwotwafo no,
frɛ wɔn a wɔakwadaw mu pa ara.
18 Ma wɔmmra ntɛm
mmesu ngu yɛn so
kosi sɛ yɛn ani so bɛtaa nusu
na nusu aguare yɛn.
19 Wɔte agyaadwotwa nnyigyei fi Sion se,
‘Wɔasɛe yɛn!
Yɛn anim agu ase yiye!
Ɛsɛ sɛ yetu fi yɛn asase so
efisɛ yɛn afi abubu.’ ”
20 Afei, mo mmea, muntie Awurade asɛm;
monyɛ aso mma nsɛm a efi nʼanom.
Monkyerɛ mo mmabea sɛnea wotwa dwo;
monkyerɛ mo ho mo ho abubuwbɔ.
21 Owu aforo afa yɛn mfɛnsere mu
ahyɛn yɛn aban mu;
apam mmofra afi mmɔnten so
ne mmerante afi ɔman aguabɔbea.
22 Ka se, “Sɛɛ Na Awurade se,
“ ‘Nnipa afunu bɛdeda hɔ
te sɛ sumina a egugu petee mu,
te sɛ aburow a nnɔbaetwafo atwa agu nʼakyi
a obiara mmoaboaa ano.’ ”
23 Eyi ne nea Awurade se:
“Mma onyansafo mfa ne nyansa nhyehyɛ ne ho
anaa ɔhoɔdenfo mfa nʼahoɔden nhyehyɛ ne ho
anaa ɔdefo mfa nʼahonya nhyehyɛ ne ho.
24 Mmom ma nea ɔhyehyɛ ne ho nhyehyɛ ne ho sɛ
ɔwɔ nhumu, na onim sɛ,
me ne Awurade a ɔyɛ adɔe,
na obu atɛntrenee na ɔyɛ adetrenee wɔ asase so,
efisɛ eyinom na ɛsɔ mʼani,”
sɛnea Awurade se ni.
25 “Nna no reba,” Awurade na ose, “A mɛtwe wɔn a wɔatwa twetia wɔ honam fam nko ara no nyinaa aso: 26 Misraimfo, Yudafo, Edomfo, Amonfo, Moabfo ne wɔn a wɔtete nweatam a ɛwɔ akyirikyiri nsase so nyinaa. Na nokware, saa aman yi nyinaa yɛ momonotofo na mpo Israelfi nyinaa yɛ koma mu momonotofo.”