4 “ ‘Nanso tie Awurade bɔhyɛ, Yudahene Sedekia. Sɛɛ na Awurade ka fa wo ho: Worennwu wɔ afoa ano; 5 na wubewu asomdwoe mu. Sɛnea nnipa bɔɔ ayiyɛ gyatannaa de hyɛɛ wʼagyanom anuonyam, ahemfo dedaw a wodii wʼanim no, saa ara na wɔbɛbɔ gyatannaa ahyɛ wo anuonyam na wɔadi awerɛhow se, “Ao, owura!” Mʼankasa na mehyɛ saa bɔ yi, Awurade na ose.’ ”
6 Na odiyifo Yeremia kaa eyinom nyinaa kyerɛɛ Yudahene Sedekia wɔ Yerusalem, 7 bere a Babiloniahene asraafo reko atia Yerusalem ne Yuda nkuropɔn, Lakis ne Aseka[a] a na wogu so reko wɔ hɔ. Eyinom ne nkuropɔn a na aka wɔ Yuda a wɔwɔ bammɔ.
12 Na Awurade asɛm baa Yeremia nkyɛn se, 13 “Nea Awurade, Israel Nyankopɔn, se ni: Me ne mo agyanom yɛɛ apam bere a miyii wɔn fii Misraim, nkoasom asase so no. Mekae se, 14 ‘Mfe ason biara no, ɛsɛ sɛ mo mu biara gyaa ne yɔnko Hebrini a watɔn ne ho ama no. Sɛ wasom mfe asia a gyaa no na ɔmfa ne ho nni.’ Nanso mo agyanom antie na wɔamfa mʼasɛm. 15 Ɛnkyɛe koraa, nanso munuu mo ho na moyɛɛ nea eye wɔ mʼani so: Mo mu biara paee ahofadi maa ne manmma. Mpo moyɛɛ apam wɔ mʼanim, wɔ ofi a me Din da so no mu. 16 Nanso mprempren, moadan mo ho na moahura me din ho; mo mu biara asan akɔfa nkoa ne mfenaa a mugyaa wɔn sɛ wɔnkɔ baabiara a wɔpɛ no. Moahyɛ wɔn ama wɔayɛ mo nkoa bio.
17 “Afei nea Awurade se ni: Muntiee me na mompaee ahofadi mmaa mo ankasa nkurɔfo. Enti afei mepae ‘ahofadi’ ma mo, Awurade na ose. ‘Ahofadi’ a ebegyaa mo ama afoa, ɔyaredɔm ne ɔkɔm. Mɛma moayɛ akyiwade ama asase so ahenni ahorow nyinaa. 18 Nnipa a wɔabu mʼapam so, na wɔanni nhyehyɛe a ɛwɔ apam a wɔayɛ wɔ mʼanim no so no, mɛyɛ wɔn sɛ nantwi ba a wɔpae ne mu abien na wɔnantew nʼafaafa no ntam no. 19 Yuda ne Yerusalem ntuanofo, asennii adwumayɛfo, asɔfo ne asase no so nnipa no nyinaa a monantew faa nantwi ba no afaafa no ntam no, 20 mede wɔn bɛma wɔn atamfo a wɔrehwehwɛ wɔn nkwa no. Wɔn afunu bɛyɛ aduan ama wim nnomaa ne asase so mmoa.
21 “Mede Yudahene Sedekia ne nʼadwumayɛfo bɛhyɛ wɔn atamfo a wɔrehwehwɛ wɔn nkwa, Babiloniahene asraafo a wɔatwe wɔn ho no nsa. 22 Merebɛhyɛ, Awurade asɛm ni, na mɛsan de wɔn aba kuropɔn yi mu. Wɔbɛko atia no, wɔbɛfa, na wɔahyew no dwerɛbee. Na mɛma Yuda nkurow ada mpan a obiara rentumi ntena hɔ.”
<- Yeremia 33Yeremia 35 ->- a Lakis ne Aseka—Salomo babarima Rehoboam bɔɔ saa nkurow yi ho ban nanso akyiri no, Asiria hempɔn Senaherib tuaa ano wɔ Lakis hene Hesekia bere so. (2 Be 32.9)