3 Na Awurade bisaa me se, “Dɛn na wuhu, Yeremia?”
4 Na Awurade asɛm baa me nkyɛn se, 5 “Sɛɛ na Awurade, Israel Nyankopɔn se: ‘Borɔdɔma papa no gyina hɔ ma atukɔfo a wofi Yuda, wɔn a mitwaa wɔn asu kɔɔ Babilonia asase so no. 6 Mɛma mʼani aku wɔn ho, ama wɔn yiyedi, na mɛsan de wɔn aba ha bio. Mesiesie wɔn na merensɛe wɔn. Medua wɔn, na merentu wɔn ase. 7 Mɛma wɔn koma a wɔde behu me sɛ, me ne Awurade. Wɔbɛyɛ me nkurɔfo, na mɛyɛ wɔn Nyankopɔn, efisɛ wɔde wɔn koma nyinaa bɛsan aba me nkyɛn.
8 “ ‘Nanso te sɛ borɔdɔma a enye no, nea enye sɛnea wodi mpo no,’ nea Awurade se ni, ‘saa ara na mɛyɛ Yudahene Sedekia, nʼadwumayɛfo ne Yerusalem nkae no, sɛ wɔte asase yi so anaa wɔte Misraim. 9 Mɛma wɔn ayɛ akyide ne mfomsode ama ahenni a ɛwɔ asase so nyinaa, wɔbɛyɛ ahohora na wɔabɔ wɔn din bɔne, wɔbɛyɛ akyiwade ne mmusu baabiara a mɛpam wɔn akɔ. 10 Mɛsoma afoa, ɔkɔm ne ɔyaredɔm akɔ wɔn so kosi sɛ wɔbɛsɛe wɔn koraa afi asase a mede maa wɔn ne wɔn agyanom no so.’ ”
<- Yeremia 23Yeremia 25 ->