3 Yɛde nnareka to ɔpɔnkɔ anom sɛnea obetie yɛn na yɛatumi ama wakɔ baabiara a yɛpɛ sɛ ɔkɔ. 4 Anaasɛ dwene hyɛn ho; sɛnea ne kɛse te a mframa a ano yɛ den na ɛbɔ no, nanso wotumi de sitia ketewaa bi na ɛdannan no ma ɛkɔ baabi a hyɛnkafo no pɛ sɛ ɛkɔ no. 5 Saa ara na tɛkrɛma te; sua a esua nyinaa akyi no, etumi hoahoa ne ho. Hwɛ sɛnea ogya ketewaa bi si tumi hyew kwae kɛse. 6 Tɛkrɛma nso yɛ ogya, onipa akwaa mu nnebɔne wiase. Ɛsɛe nipadua no nyinaa; ɛsɔ onipa abrabɔ nyinaa so gya na nʼankasa nso ɔsɛe sɔ ne so gya.
7 Onipa tumi dwudwo mmoadoma, nnomaa, mmoa a wɔwea, po mu mmoa nyinaa, 8 nanso obiara rentumi nnwudwo tɛkrɛma da. Ɔyɛ ɔbɔnefo a ɔyɛ hagyahagya a awuduru ahyɛ no ma.
9 Yɛde tɛkrɛma kamfo yɛn Awurade ne yɛn Agya na yɛde ɛno ara nso adome nnipa a wɔbɔɔ wɔn Onyankopɔn sɛso so no.[a] 10 Ano koro no ara mu na nkamfo ne nnome fi ba. Me nuanom, ɛnsɛ sɛ ɛba saa. 11 Nsu pa ne nsu a ɛyɛ nkyenenkyene betumi afi asuti baako mu aba ana? 12 Me nuanom, borɔdɔma dua betumi asow ngodua aba ana? Anaasɛ bobe betumi asow borɔdɔma? Saa ara na asuti a ɛyɛ nkyenenkyene remma nsu pa.
17 Nanso nyansa a efi ɔsoro no yɛ kronkron; asomdwoe wɔ mu, edwo na ɛpɛ asomdwoe; ɛwɔ ahummɔbɔ na nneyɛe pa fi mu ba; ennye akyinnye na ɛnyɛ nyaatwom nso. 18 Na ɛsow aba pa a efi aba a asomdwoefo duaa no asomdwoe mu no mu.
<- Yakobo 2Yakobo 4 ->- a Sɛ wɔabɔ nnipa wɔ Onyankopɔn suban so nti, (1 Mose 1.2-27) sɛ wodome onipa biara a, woafom Onyankopɔn (1 Mose 9.6)