8 “ ‘Nanso megyaw mo mu bi, efisɛ ebinom beguan afoa ano wɔ bere a moahwete wɔ nsase ne amanaman so. 9 Na afei wɔn a woguan no bɛkae me wɔ amanaman a wɔfaa wɔn nnommum kɔɔ mu no, sɛnea madi awerɛhow wɔ wɔn aguamammɔ koma a wɔde twee wɔn ho fii me nkyɛn, ne wɔn ani a wɔde nyaa akɔnnɔ bɔne maa wɔn ahoni no ho. Wɔn ho bɛyɛ wɔn nwini wɔ bɔne ne akyiwade a wɔayɛ no nti. 10 Wobehu sɛ mene Awurade na mammɔ wɔn hu kwa sɛ mede saa ɔhaw yi bɛba wɔn so.
11 “ ‘Sɛɛ na Otumfo Awurade se: Mommɔ mo nsam na momfa mo nan mpempem fam na monteɛ mu se, “A!” esiane Israel fi amumɔyɛ ne akyiwade nyinaa nti, wobewuwu afoa, ɔkɔm ne ɔyaredɔm ano. 12 Ɔyaredɔm bekum nea ɔwɔ akyirikyiri. Nea ɔbɛn no bɛtɔ afoa ano na nea obefi mu na waka no, ɔkɔm bekum no. Saa na mede mʼabufuwhyew no bɛyɛ wɔn. 13 Na wobehu sɛ mene Awurade, bere a wɔn nkurɔfo a watotɔ afunu deda wɔn ahoni ntam atwa wɔn afɔremuka ho ahyia, wɔ nkoko a ɛkorɔn nyinaa so, mmepɔw atifi nyinaa ne nnua a adennan ne odum frɔmfrɔm ase, mmeaemmeae a wɔde nnuhuam bɔ afɔre ma wɔn ahoni nyinaa no. 14 Afei mɛteɛ me nsa wɔ wɔn so na mama asase no ada mpan afi nweatam no akosi Ribla, baabiara a wɔtete. Na wobehu sɛ mene Awurade.’ ”
<- Hesekiel 5Hesekiel 7 ->