Link to home pageLanguagesLink to all Bible versions on this site
35
Nkɔmhyɛ A Etia Edom

1 Awurade asɛm baa me nkyɛn se: 2 “Onipa ba, fa wʼani kyerɛ Bepɔw Seir; hyɛ nkɔm tia no, 3 na ka se, ‘Sɛɛ na Otumfo Awurade se: Me ne wo anya, Bepɔw Seir, na mɛteɛ me basa atia wo na mɛma wo ada mpan. 4 Mɛdan wo nkurow ama ayɛ mmubui na wobɛda mpan. Afei wubehu sɛ mene Awurade no.

5 “ ‘Esiane sɛ wode tete nitan hyɛɛ wo mu na wuyii Israelfo maa afoa wɔ wɔn amanehunu mu, bere a wɔn asotwe duu ne mpɔmpɔnso no 6 nti, sɛ mete ase yi de, Otumfo Awurade asɛm ni, mede wo bɛma mogyahwiegu na ebedi wʼakyi. Esiane sɛ woansuro mogyahwiegu no nti, mogyahwiegu bɛtaa wo. 7 Mɛma bepɔw Seir ada mpan, na mayi wɔn a wodi so akɔneaba no afi hɔ. 8 Mede atɔfo bɛhyɛ wo mmepɔw so ma; wɔn a wɔbɛtotɔ wɔ afoa ano bɛtotɔ ase wɔ wo nkoko so, aku mu ne wo subon mu. 9 Mɛma woada mpan afebɔɔ, na obiara rentena wo nkurow so. Afei wubehu sɛ mene Awurade no.

10 “ ‘Woaka se, “Saa aman abien ne nsase yi bɛyɛ yɛn dea, na yɛbɛfa,” wɔ bere a me Awurade mete hɔ; 11 enti sɛ mete ase yi, Otumfo Awurade asɛm ni, me ne wo bedi no sɛnea abufuw ne ninkunu a wodaa no adi wɔ ɔtan a wotan wɔn no mu no te, na mɛda me ho adi wɔ wɔn mu, bere a mebu wo atɛn. 12 Afei wubehu sɛ me Awurade, mate animtiaabu nsɛm a woaka atia Israel mmepɔw no. Wokae se, “Wɔama ada mpan na wɔadan ama yɛn sɛ yɛmfa.” 13 Mohoahoaa mo ho tiaa me na mokasa tiaa me a moanto sɛbe, na metee. 14 Sɛɛ na Otumfo Awurade se: Bere a wiase nyinaa redi ahurusi no, mɛma wo ada mpan. 15 Sɛnea wudii ahurusi bere a Israelfi agyapade daa mpan no, saa ɔkwan no na mede wo bɛfa so. Wobɛda mpan, Bepɔw Seir, wo ne Edom nyinaa. Afei wobehu sɛ mene Awurade no.’ ”

<- Hesekiel 34Hesekiel 36 ->