1Awurade asɛm baa me nkyɛn se: 2 “Onipa ba, ma kwadwom a ɛfa Tiro ho so. 3 Ka kyerɛ Tiro a ɔda po abobow ano, na ɔne aguadifo bebree a wɔwɔ mpoano nkurow so di gua se, eyi ne asɛm a Otumfo Awurade ka:
“ ‘Woka se, Tiro,
“Me ho yɛ fɛ yiye.”
4 Wo tumidi wɔ po so akyirikyiri;
wʼadansifo maa wʼahoɔfɛ wiee pɛyɛ.
5 Wo nnua a wɔpaee nyinaa
yɛ ɔpepaw a efi Senir.
Wɔde Lebanon sida
na ɛyɛɛ ahyɛn so nnua maa wo.
6 Odum nnua a efi Basan
na wɔde yɛɛ wʼatabon;
Kwabɔhɔre nnua a efi Kipro mpoano
na wɔde yɛɛ wʼahyɛn abrannaa, a wɔde asonse asɛw so.
7 Misraim nwera papa bi a wɔadi mu adwini
na wɔde yɛɛ wʼahyɛn so mframatam
a ɛyɛɛ wo frankaa nso;
wʼapon ne mfɛnsere ano ntama yɛ abibitam ne beredum ntama
a efi Elisa mpoano.
8 Sidonfo ne Arwadfo na wɔhare wʼahyɛn;
wo mmarima anyansafo. Tiro,
na wɔyɛ adwumayɛfo wɔ wʼahyɛn mu.
9 Gebal adwumfo adedaw tenaa wʼahyɛn mu
sɛ dua dwumfo a wotuatua ahyɛn no mu ntokuru.
Po so ahyɛn ne wɔn hyɛnmufo nyinaa
baa wo nkyɛn ne wo bedii nsesagua.
10 “ ‘Persia, Lidia ne Put mmarima
somee sɛ asraafo wɔ wo nsraadɔm mu.
Wɔde wɔn nkatabo ne dade kyɛw
sensɛn wʼafasu ho,
de hyɛɛ wo anuonyam.
11 Arwad ne Helek mmarima
wɛn wʼafasu ho nyinaa
Gammad mmarima
tenaa wʼabantenten mu.
Wɔde wɔn nkatabo sensɛn wʼafasu ho
maa wʼahoɔfɛ dii mu.
12 “ ‘Wʼaguade a ɛma wonyaa wo ho bebree nti, Tarsis ne wo dii gua, wɔde dwetɛ, dade, sanyaa ne sumpii sesaa wʼaguade.
13 “ ‘Helafo, Tubalfo ne Mesekfo ne wo dii gua, wɔde nkoa ne kɔbere nneɛma sesaa wʼaguade.
14 “ ‘Bet Togarma mmarima de adwumayɛ apɔnkɔ, ɔsa apɔnkɔ ne mfurum mma bɛsesaa wʼaguade.
15 “ ‘Roda mmarima ne wo dii gua, na mpoano nkurow bebree yɛɛ wʼadetɔfo a wɔde asonse ne duabo nnua tuaa wo ka.
16 “ ‘Aram ne wo dii gua esiane wo nneɛma bebrebe a woyɛ nti; wɔde nsrammabo, ntama a ɛberedum, nea wɔadi mu adwinni, nwera pa, nnɛnkyerema ne bota bɛsesaa wʼaguade.
17 “ ‘Yuda ne Israel ne wo dii gua; wɔde awi a efi Minit ne brodo, ɛwo, ngo ne ahyehyesrade sesaa wʼaguade.
18 “ ‘Damasko ne wo dii gua wɔ nsa a efi Helbon ne nguan ho nwi a efi Sahar mu, esiane nneɛma a woyɛ ne wʼaguade a ama woanya wo ho bebree no nti. 19 Danfo ne Helafo a wofi Usal tɔɔ wʼaguade na wɔde dade a wɔaboro, sesadua ne ahunuanyankwa sesaa wʼaguade.
20 “ ‘Dedan de apɔnkɔnguasotam ne wo dii gua.
21 “ ‘Arabfo ne Kedar mmapɔmma nyinaa yɛɛ wʼaguadifo a wɔde nguantenmma, adwennini ne mpapo ne wo dii gua.
22 “ ‘Seba ne Raama aguadifo ne wo dii gua; wɔde nnuhuam ahorow a ɛte apɔw, aboɔden abo ne sikakɔkɔɔ ne wo bedii nsesagua.
23 “ ‘Haran, Kan ne Eden, aguadifo a wofi Seba, Asur ne Kilmad ne wo dii gua. 24 Wo gua so hɔ, wɔde ntama a ɛyɛ fɛ, nnɛmmatam a ɛyɛ tuntum, adwinne ahorow ne ntama fɛfɛ a ɛwɔ ahosu ahorow a wɔde nhoma a wɔakyinkyim abobɔ no apɔwapɔw na ayɛ ne wo bedii gua.