7 “Na sɛɛ na Otumfo Awurade se: Merekɔfa Babiloniahene Nebukadnessar, ahene mu hene, ne ne apɔnkɔ ne nteaseɛnam, ne apɔnkɔsotefo ne nsraadɔm kɛse afi atifi fam aba wo so. 8 Ɔde afoa bɛsɛe wʼatenae a ɛwɔ asase kesee no so no pasaa; obesisi mpampim ayɛ mpempe wɔ wʼafasu ho na wama ne nkatabo so atia wo. 9 Ɔde oburuw nnua bɛpempem wʼafasu no, na ɔde akode abubu wʼabantenten no asɛe no. 10 Nʼapɔnkɔ no bɛdɔɔso yiye, na wɔbɛbɔ mfutuma akata wo so. Ɔsa apɔnkɔ no, nkyimii ne nteaseɛnam nnyigyei bɛma wʼafasu awosow, bere a wɔahyɛn wo apon mu, sɛnea mmarima hyɛn kuropɔn a nʼafasu mu adeda akwan no. 11 Nʼapɔnkɔ no tɔte betiatia wo mmɔnten nyinaa so, ɔde afoa bekunkum wo nkurɔfo na wʼafadum dennen no bebubu agu fam. 12 Wɔbɛfom wʼahode na wɔawia wʼaguade, wobebubu wʼafasu, na wɔadwiriw wʼadan fɛfɛ no na wɔatotow wʼabo, wo nnua ne wo dɔte agu po mu. 13 Mɛma wo nnwonto gyegyeegye no aba awiei na wɔrente wo sanku so nnwonto no bio. 14 Mɛyɛ wo ɔbotan kwaboo na wo so na wɔbɛhata asau. Wɔrenkyekyere wo bio.
15 “Sɛɛ na Otumfo Awurade ka kyerɛ Tiro: Sɛ wo mpoano nkurow no te wʼasehwe ho apinisi ne akunkumakunkum a asi wɔ wo mu a, wɔn ho rempopo ana? 16 Afei mpoano mmapɔmma no nyinaa befi wɔn nhengua so, ayiyi wɔn nguguso ne ntade a wɔadi mu adwinni agu hɔ. Ehu bɛbɔ wɔn ama wɔatenatena fam, wɔn ho bɛpopo na wɔn ho adwiriw wɔn wɔ wo nti. 17 Afei wɔbɛma kwadwom a ɛfa wo ho so se:
19 “Sɛɛ na Otumfo Awurade se: Sɛ mema woyɛ kuropɔn a ada mpan te sɛ nkuropɔn a nnipa ntete so, na sɛ mema po bun ba wo so na sɛ ne mu nsu bebrebe no bɛkata wo so a, 20 mede wo ne wɔn a wɔkɔ amoa mu no besian akɔ teteetefo no nkyɛn. Mɛma woatena asase ase hɔ te sɛ tete mmubui, wo ne wɔn a wosian kɔ amoa mu no, na worensan anaa worennya kyɛfa wɔ ateasefo asase so. 21 Mede wo bɛba awiei a ɛyɛ hu mu na worenhu bio. Wɔbɛhwehwɛ wo nanso wɔrenhu wo bio da, Otumfo Awurade asɛm ni.”
<- Hesekiel 25Hesekiel 27 ->