1 Mose ne Aaron yɛɛ anwonwade yi kyerɛɛ mpanyimfo no wiee no, wokohuu Farao ka kyerɛɛ no se, “Nea Israel Nyankopɔn se ni, ‘Ma me nkurɔfo mfi ha nkɔ sare so nkɔbɔ afahyɛgua kronkron wɔ hɔ mfa nsɔre me.’ ”
2 Farao bisae se, “Hena ne
3 Na Aaron ne Mose tii mu se, “Hebri Nyankopɔn ne yɛn ahyia. Ɛsɛ sɛ yetu nnansa kwan kɔ sare so kɔbɔ afɔre wɔ hɔ de ma
4 Farao bisae se, “Mose ne Aaron, adɛn nti na morema nkurɔfo no agyae wɔn nnwuma? Monkɔ mo nnwuma so ntɛm!” 5 Farao toaa so se, “Mprempren, saa nnipa no dɔɔso sen ɔmanfo no, nanso mopɛ sɛ moma ahɔho no gyae adwumayɛ.”
6 Da no ara, Farao somaa nnipa ma wɔkɔka kyerɛɛ wɔn a wɔhwɛ Israelfo no so no se, 7 “Mommma nnipa no sare a wɔde bɛyɛ ntayaa no bio! Momma wɔn ankasa nkotwa sare no. 8 Na ntayaa dodow a wotwa no nso, monntew so baako koraa, efisɛ asɛm a wɔaka no da no adi pefee sɛ wɔyɛ akwadwofo nti na wɔreka se wɔrekɔ sare so akɔbɔ wɔn
10 Enti adwumasohwɛfo ne wɔn akwankyerɛfo no ka kyerɛɛ Hebrifo no se, “Farao aka akyerɛ yɛn se yɛmmma mo sare bio. 11 Mo ara munkokyin nhwehwɛ bi, nanso ntayaa a mutwa no, muntwa dodow saa ara.” 12 Enti Hebrifo no kyinkyinii Misraim asase so nyinaa sɛ wɔrekɔhwehwɛ sare no bi. 13 Adwumasohwɛfo no hyɛɛ wɔn atirimɔden so se, “Muntwa ntayaa dodow sɛnea na mutwa no.” 14 Na Misraimfo adwumasohwɛfo no kaa Hebrifo mpanyimfo a wɔde wɔn atuatua adwuma no ano sɛ akwankyerɛfo no mmaa, bisaa wɔn se, “Adɛn nti na moanwie ntayaa a wɔahyɛ sɛ muntwa no nnɛra ne nnɛ no nyinaa sɛnea na moyɛ kan no?”
15 Mpanyimfo yi kɔɔ Farao nkyɛn kɔsrɛɛ no se, “Adɛn na woyɛ wo nkoa saa? 16 Wɔmma wo nkoa sare biara, nanso wɔka kyerɛ yɛn se, ‘Montwa ntayaa!’ Wɔka yɛn mmaa nanso mfomso no fi wʼankasa wo nkurɔfo no.”
17 Nanso Farao buae se, “Munni dwuma bi di, na sɛ mowɔ dwuma bi di a, anka morenka se, ‘Momma yɛnkɔbɔ afɔre mma
19 Bere a wɔka kyerɛɛ Israelfo mpanyimfo a wodi adwuma no anim sɛ akwankyerɛfo no se ɛsɛ sɛ wotwa ntayaa no dodow sɛnea wɔyɛ daa no, wohuu sɛ ahokyere aba. 20 Bere a wofi Farao anim bae a wohuu sɛ Mose ne Aaron retwɛn wɔn wɔ ahemfi no ho no, 21 wɔka kyerɛɛ wɔn se, “
22 Asɛm yi maa Mose kɔɔ