9 “Twa adiwo ma Ahyiae Ntamadan no na fa ntama a wɔde asaawa a ɛyɛ fɛ ayɛ sensɛn ho. Nkataano a ɛsɛn anafo no tenten no nyɛ anammɔn ɔha aduonum 10 a kɔbere nnua aduonu a esisi kɔbere nnyinaso aduonu mu no suso mu. Dwetɛ nkɔtɔkoro ne dwetɛ ntwea a ɛtetare dwetɛ afadum no ho no na ebesuso nsɛnanim no mu. 11 Adiwo a ɛkyerɛ atifi fam no nso, saa ara na wɔnyɛ no. Nsɛnanim a ne tenten yɛ anammɔn ɔha aduonum, na nnua aduonu sisi kɔbere nnyinaso mu a dwetɛ nkɔtɔkoro ne ne ntwea tetare ho na ebegyina no.
12 “Adiwo no fa a ɛkyerɛ atɔe fam no trɛw bɛyɛ anammɔn aduɔson anum a ekura nnua du a ntokuru du deda mu. 13 Apuei fam nso bɛyɛ anammɔn aduɔson anum saa ara. 14 Baabi a ne kwan da nʼapuei fam no, wɔmfa nsɛnanotam a ne tenten yɛ anammɔn aduonu abien ne fa a nnua abiɛsa a esisi ntokuru abiɛsa mu suso mu no nsɛn ano. 15 Baabi a ne kwan da wɔ nʼatɔe fam no nso, wɔmfa nsɛnanotam a ne tenten yɛ anammɔn aduonu abien ne fa nsɛn ano. Nnua abiɛsa a esisi ntokuru abiɛsa mu na ebesuso nsɛnanotam no mu.
16 “Adiwo hɔ no ano kwan nyɛ ntama nsɛnanim a ne trɛw yɛ anammɔn aduasa. Wɔde asaawa tuntum, bibiri ne koogyan bedi mu adwinni fɛfɛɛfɛ. Wɔde nnua anan a esisi ne nnyinaso mu no nso besuso nsɛnanotam no mu. 17 Ɛsɛ sɛ nnua a ɛwɔ adiwo hɔ no nyinaa wɔde dwetɛ ntwea a dwetɛ suso mu, na nʼase no nso wɔde hyehyɛ kɔbere nnyinaso apipiripi mu. 18 Enti adiwo hɔ tenten mu bɛyɛ anammɔn ɔha ne aduonum, na ne trɛw nso ayɛ anammɔn aduɔson anum. Wɔde nkataano a wɔde asaawatam bɛyɛ ne fasu, a ne sorokɔ nso bɛyɛ anammɔn ason ne fa. Ɛsɛ sɛ wɔde nnua a atwa adiwo hɔ no ho ahyia no sisi kɔbere nnyinaso no mu. 19 Kɔbere na ɛsɛ sɛ wɔde yɛ Ahyiae Ntamadan mu hɔ nkankye a wɔde nneɛma gu mu, ne nnyinaso a wɔde nkankyee bɛsensɛn so wɔ ɔfasu ho no wɔ hɔ.
20 “Ka kyerɛ Israelfo no na wɔmfa ngo kronkron a wɔde begu akanea a daa nyinaa ebesi so no mmrɛ wo. 21 Aaron ne ne mmabarima na wɔde akanea a ennum da no besi Ahyiae Ntamadan no mu. Wɔbɛhwɛ so daa ama Awurade, sɛnea ɛbɛyɛ a ɛrennum. Eyi yɛ mmara a ɛsɛ sɛ Israelfo di so daa.
<- 2 Mose (Ɛksodɔs) 262 Mose (Ɛksodɔs) 28 ->