5 Na Yudani bi a ɔyɛ Yair babarima a ne din de Mordekai te Susa aban no mu. Na ofi Benyamin abusuakuw mu. Na ɔyɛ Kis ne Simei aseni. 6 Ɔhene Nebukadnessar na otwaa nʼabusuafo ne Yudahene Yekonia ne afoforo bi asu fii Yerusalem kɔɔ Babilonia. 7 Na saa ɔbarima yi wɔ onua hoɔfɛfo bi a ne din de Hadasa a na wɔsan frɛ no Ɛster. Bere a nʼagya ne ne na wuwui no, Mordekai faa no kaa nʼabusua ho, tetew no sɛ nʼankasa babea.
8 Ɔhene no mmara a ɔhyɛe no nti, wɔde Ɛster ne mmabaa bebree baa ɔhene yerenom atenae wɔ Susa aban no mu, de wɔn hyɛɛ Hegai nsa. 9 Hegai ani gyee Ɛster ho yiye, maa ɔhwɛɛ no yiye. Ntɛm ara, ɔma wɔmaa no aduan sononko, na ɔmaa no ahosiesie nnuru kaa ho. Ɔsan de mfenaa baason a oyii wɔn fii ahemfi hɔ no maa no, na ɔde ɔno ne mfenaa no kɔtenaa nea ɛhɔ ye pa ara wɔ mmea atenae hɔ.
10 Ɛster anka ne man a ofi mu ne nʼabusua a ɔbɔ ankyerɛ obiara, efisɛ na Mordekai abɔ nʼano sɛ ɔnnkyerɛ. 11 Da biara Mordekai kɔnantew fa ahemfi no adiwo hɔ, bisa Ɛster ase sɛ ne ho te dɛn.
12 Ansa na wɔde ababaa biara bɛkɔ ɔhene nkyɛn no, wɔma ɔde ahoɔfɛ nnuru yɛ ne ho afe baako. Wɔde kurobow ngo yɛ ne ho asram asia na ɛno akyi no wɔde aduhuam ne nkum sononko bi ayɛ ne ho asram asia. 13 Na sɛ edu bere a ɛsɛ sɛ ɔkɔ ɔhene nkyɛn a wɔma no kwan ma ɔfa atade anaa agude a ɔpɛ sɛ ɔde siesie ne ho, na ama nʼahoɔfɛ no adi mu. 14 Anwummere no, wɔde no kɔ ɔhene dabekyire, na ade kye a, wɔde no akɔ baabi a ɔhene yerenom te no. Ɛhɔ na ɔhene piamni foforo bi a wɔfrɛ no Saasgas na bɛhwɛ no so. Na ɛhɔ na ɔbɛtena a ɔrenkɔ ɔhene no nkyɛn gye sɛ ɔhene no ani gye ne ho ansa na wabɔ ne din afrɛ no.
15 Na eduu Ɛster a ɔyɛ Abihail ba no so no, wammisa hwee gye sɛ nea Hegai a ɔyɛ ɔhene piamni a ɔhwɛ mmea no so no tuu no fo wɔ ho no (Mordekai nua ne Abihail, na Mordekai nso ha ɔhwɛɛ Ɛster). 16 Bere a wɔde Ɛster kɔmaa ɔhene Ahasweros wɔ ahemfi hɔ Tebet ɔsram (bɛyɛ Ɔpɛpɔn) mu a na ɛyɛ nʼadedi mfe ason so no, 17 ɔhene no dɔɔ no sen mmabun a wɔaka no nyinaa. Nʼani gyee ne ho ara kosii sɛ, ɔhyɛɛ no ahenkyɛw, pagyaw no sɛ ɔhemmea, sii Wasti anan mu. 18 Ahemmeasi no mu no, ɔtoo pon maa ne mmapɔmma ne asomfo nyinaa de hyɛɛ Ɛster anuonyam. Ɔmaa obiara akyɛde bebree, na ɔyɛɛ no afoofida wɔ amantam no nyinaa so.
19 Mpo, bere a wɔde mmabaa no nyinaa kɔɔ mmea atenae a ɛto so abien no mu no, na Mordekai nso abɛyɛ ɔpanyin wɔ ahemfi hɔ no, 20 Ɛster ankyerɛ baabi a ofi ne abusua a ɔbɔ da. Ɔkɔɔ so dii Mordekai afotu no so sɛnea ɔyɛe bere a na ɔne no te no.