4 Sɛ Awurade, mo Nyankopɔn, tu wɔn gu a, monnka wɔ mo koma mu se, “Esiane yɛn trenee nti na Awurade de saa asase yi ama yɛn.” Dabi, ɛyɛ aman no amumɔyɛsɛm nti na Awurade redi mo anim apam wɔn. 5 Ɛnyɛ sɛ moyɛ atreneefo ne nokwafo nti na morekɔfa wɔn asase no; mmom, efi wɔn amumɔyɛ nti, Awurade, mo Nyankopɔn, bɛpam saa aman yi adi mo anim de ahyɛ ntam a wadi kan aka akyerɛ mo agyanom Abraham, Isak ne Yakob no ma. 6 Monte ase sɛ, ɛnyɛ sɛ moyɛ atreneefo nti na Awurade, mo Nyankopɔn, de saa asase pa yi rema mo. Moyɛ ɔman a asoɔden ahyɛ mo ma.
11 Na awia ne anadwo adaduanan no baa awiei no, Awurade de abo pon abien a wɔakyerɛw apam no wɔ so no maa me. 12 Afei, Awurade ka kyerɛɛ me se, “Sian fi ha ntɛm kɔ, efisɛ nnipa a wudii wɔn anim fi Misraim no adan abɔnefo. Wɔaman afi ahyɛde a memaa wɔn no ho na wɔayɛ ohoni afa.”
13 Na Awurade ka kyerɛɛ me se, “Mahwɛ saa nnipa yi ara ahu sɛ, wɔn aso yɛ den pa ara. 14 Ma me kwan na mensɛe na mempepa wɔn din mfi ɔsoro ase. Na menam so mayɛ wʼasefo ɔman kɛse; ɔman a ɛso na ɛwɔ ahoɔden sen sɛnea ɛte nnɛ yi.”
15 Enti misian fii ogya bepɔw no so a na mikura abo apon abien a apam no wɔ so no. 16 Mehwɛe no, mihuu sɛ moayɛ bɔne atia Awurade, mo Nyankopɔn; Moagu nantwi ba sɛso honi ama mo ho. Moaman afi Awurade kwan a ɔkyerɛɛ mo sɛ momfa so no so ntɛm. 17 Enti memaa ɔbo apon no so kɔɔ soro na metow hwee fam. Mibubuu no wɔ mo anim.
18 Afei, medaa Awurade anim awia ne anadwo adaduanan a manni brodo, annom nsu. Meyɛɛ eyi, efisɛ sɛ moayɛ ade a Awurade kyi nti, moayɛ bɔne na ɛnam so ama ne bo afuw yiye. 19 Misuroo Awurade abufuw ne so asotwe, efisɛ na ne bo afuw yiye a obetumi asɛe mo. Nanso, otiee me bio. 20 Na Awurade bo fuw Aaron a na anka ɔpɛ sɛ ɔsɛe no. Nanso mebɔɔ mpae maa Aaron nso. 21 Mefaa mo bɔne, nantwi ba a moayɛ no, na menan no wɔ gya mu yam no muhumuhu. Metow ne mfutuma no guu asuwa bi a ɛsen fi bepɔw no mu no mu.
22 Mohyɛɛ Awurade abufuw wɔ Tabera, Masa ne Kibrot-Hataawa nso.
23 Kades-Barnea nso, Awurade somaa mo wɔ saa ɔhyɛ yi so se, “Monkɔ soro hɔ nkɔfa asase a mede ama mo no.” Nanso mubuu Awurade, mo Nyankopɔn no, ahyɛde so na moamfa mo ho anto no so antie nʼasɛm. 24 Efi bere a mihuu mo no, daa mosɔre tia Awurade.
25 Ɛno nti na bere a Awurade sii nʼadwene pi sɛ ɔbɛsɛe mo no, mekɔdaa nʼanim awia ne anadwo nnafua aduanan no. 26 Mebɔɔ mpae srɛɛ Awurade se, “Otumfo Awurade, nsɛe wo man ne wʼagyapade a wode wo kɛseyɛ agye asi hɔ na wode wo nsa a ɛyɛ den ayi wɔn afi Misraim no. 27 Yi wʼani fi saa nnipa yi komapirim ne asoɔden ne wɔn bɔne so na kae wo nkoa Abraham, Isak ne Yakob. 28 Anyɛ saa a, Misraimfo no bɛka se, ‘Awurade sɛee wɔn, efisɛ wantumi amfa wɔn ankɔ asase a ɔkaa ntam sɛ ɔde bɛma wɔn no so. Anaasɛ nso, wɔbɛka se, ɔsɛee wɔn, efisɛ ɔtan wɔn; ɔde wɔn baa sare so sɛ ɔrekokunkum wɔn.’ 29 Nanso wɔyɛ wo nkurɔfo ne wʼagyapade a wonam tumi a ɛso ne wʼabasa a woatrɛw mu so yii wɔn.”
<- 5 Mose (Deuteronomium) 85 Mose (Deuteronomium) 10 ->