5 Na Mose, Awurade somfo no wuu wɔ Moab asase so sɛnea Awurade kae no. 6 Wosiee no wɔ obon bi a ɛne Bet-Peor di nhwɛanim, nanso ebesi nnɛ, obiara nnim faako a ne da wɔ. 7 Mose dii mfirihyia ɔha ne aduonu na owui, nanso na nʼani hu ade yiye na ne ho nso yɛ den. 8 Israelfo suu no nnafua aduasa wɔ Moab tataw so ara kosii sɛ nʼayiyɛ kɔɔ awiei.
9 Afei, Nun babarima Yosua nyaa nyansa honhom, efisɛ Mose de ne nsa guu ne so. Enti Israelfo yɛɛ osetie maa no na wɔyɛɛ biribiara sɛnea Awurade hyɛɛ Mose no ara pɛ.
10 Mose akyi no, odiyifo biara mmaa Israel a Awurade nim no anim ne anim 11 a Awurade somaa no ma ɔkɔyɛɛ anwonwade ne nsɛnkyerɛnne a ɛyɛ hu wɔ Misraim asase so de tiaa Farao ne ne mpanyimfo nyinaa wɔ asase no so nyinaa. 12 Na obiara nnaa tumi kɛse anaa ahodwiriw nneyɛe adi te sɛnea Mose yɛɛ wɔ Israel nyinaa ani so no.
<- 5 Mose (Deuteronomium) 33