7 Afei, Mose frɛɛ Yosua ka kyerɛɛ no wɔ Israelfo no nyinaa anim se, “Yɛ den na yɛ nnam, na wo na wode ɔman yi bɛkɔ asase a Awurade kaa wɔn agyanom ntam sɛ ɔde bɛma wɔn no so; na wo na wobɛkyɛ ama wɔn. 8 Awurade na ɔredi wʼanim. Ɔbɛka wo ho; ɔrenni wo huammɔ na ɔrennyaw wo nti nsuro na mma wo koma ntu!”
15 Na Awurade yii ne ho adi kyerɛɛ wɔn wɔ omununkum fadum mu, na omununkum no gyinaa ntamadan no abobow ano. 16 Awurade ka kyerɛɛ Mose se, “Ɛrenkyɛ wubewu na woakɔka wʼagyanom ho, na ɛrenkyɛ na saa nnipa yi de wɔn ho bɛma anyame hɔho a wɔwɔ asase a wɔrekɔ so no so no. Wobegyaw me na wɔabu apam a me ne wɔn hyehyɛɛ no so. 17 Na saa da no, me bo befuw wɔn na mapo wɔn; mede mʼanim behintaw wɔn na wɔbɛsɛe wɔn. Ɔhaw a emu yɛ den ahorow pii bɛba wɔn so ama wɔabisa se, ‘So ɛnsɛ sɛ saa ɔhaw yi ba, esiane sɛ Onyankopɔn nni yɛn nkyɛn bio no nti?’ 18 Saa bere no mede mʼanim behintaw wɔn esiane wɔn bɔne ahorow a wɔayɛ wɔ anyame afoforo a wɔsom no nti.
19 “Afei, monkyerɛw saa dwom yi mu nsɛm mfa na monkyerɛ Israelfo no, na wɔnto sɛnea ɛbɛyɛ adansede ama me na mede atia wɔn. 20 Mede wɔn bɛba asase a nufusu ne ɛwo resen wɔ so sɛnea mekaa ntam hyɛɛ wɔn agyanom bɔ no. Na wodidi mee yɛ akɛse a, afei, wɔbɛdan wɔn ani akɔsom anyame afoforo apo me, nam so abu mʼapam no so. 21 Afei, ɔhaw ne akwanside bebree ba wɔn so a, dwom yi bedi adanse atia wɔn, efisɛ wɔn asefo werɛ remfi da. Minim nea wotumi yɛ koraa ansa na mede wɔn bɛba asase a maka ho ntam ahyɛ bɔ no so.” 22 Enti Mose kyerɛw dwom no guu hɔ saa da no na ɔkyerɛɛ Israelfo no.
23 Afei, Awurade hyɛɛ Nun babarima Yosua sɛ, “Yɛ den na yɛ nnam, efisɛ wo na wode Israelfo no bɛba asase a mekaa ntam hyɛɛ ho bɔ no so na mʼankasa mɛka mo ho.”
24 Bere a Mose kyerɛw mmara nsɛm no nyinaa fi mfiase kosii awiei no guu nhoma mu wiei no, 25 ɔde saa ahyɛde yi maa Lewifo a na wɔsoa Awurade apam adaka no: 26 “Momfa saa Mmara Nhoma yi nkɔto Awurade, mo Nyankopɔn, apam adaka no nkyɛn. Ɛhɔ na ɛbɛda sɛ adansede a etia Israelfo. 27 Efisɛ minim sɛnea moyɛ atuatewfo ne asoɔden. Mpo, me ne mo da so wɔ hɔ yi, moatew Awurade so atua. Na me wu akyi no, atua bɛn na morentew! 28 Momfrɛ mo mpanyimfo nyinaa ne mo mmusuakuw ntuanofo nyinaa sɛnea metumi akasa akyerɛ wɔn na mafrɛ ɔsoro ne asase de adi adanse atia wɔn. 29 Minim sɛ me wu akyi no, mobɛsɛe koraa na moaman afi ɔkwan a makyerɛ mo sɛ momfa so no so. Mmere a ɛreba no, amanehunu bɛba mo so, efisɛ monam bɔne a mobɛyɛ wɔ Awurade anim no so no bɛhwanyan nʼabufuw.”