1 Awuranom, momma mo asomfo nea ɛteɛ. Monkae sɛ mo nso mowɔ Owura wɔ ɔsoro.
2 Mommɔ mpae daa. Monyɛ nnam wɔ mo mpaebɔ mu na monna Onyankopɔn ase. 3 Mommɔ mpae mma yɛn nso wɔ bere koro no ara mu na Onyankopɔn ama yɛn mu kwan ama yɛatumi aka Asɛmpa no ne Kristo ho ahintasɛm. Efisɛ ɛno nti na meda afiase no. 4 Mommɔ mpae na matumi akasa ama ntease aba mu, sɛnea ɛsɛ sɛ mekasa. 5 Bere biara a mubenya kwan ne wɔn a wɔnyɛ agyidifo ahyia no, mo ne wɔn nkasa nyansa mu. 6 Daa, monka kasa pa a ɛyɛ anigye nkyerɛ wɔn na momma wɔn mu biara mmuae pa.
11 Yesu a wɔfrɛ no Yusto no nso kyia mo. Saa nnipa baasa yi nko ara ne Yudafo agyidifo a me ne wɔn reyɛ Onyankopɔn Ahenni no ho adwuma a wɔaboa me yiye.
12 Kristo Yesu somfo a wɔfrɛ no Epafra a ɔfra mo kuw mu no nso kyia mo. Daa ɔbɔ mpae dennen srɛ Onyankopɔn sɛ ɔnhyɛ mo den na ɔmma mo nyansa na mommrɛ mo ho ase mma nʼapɛde. 13 Metumi adi ne nsiyɛ ho adanse akyerɛ mo ne nnipa a wɔwɔ Laodikea ne Hierapoli no.
14 Luka a ɔyɛ yɛn yaresafo pa no ne Dema kyia mo.
15 Yekyia anuanom a wɔwɔ Laodikea ne Nimfa ne asafo a wohyia wɔ ne fi no.