12 Moyɛ Onyankopɔn nkurɔfo. Ɔpɛ mo asɛm nti na oyii mo sɛ ne de, enti monyɛ timmɔbɔ, ayamye, mommrɛ mo ho ase, munnwo na monyɛ abodwokyɛre. 13 Mommoaboa mo ho mo ho na momfa mo ho mo ho mfomso nkyekyɛ mo ho mo ho. Momfa nkyɛ sɛnea Awurade de kyɛ mo no. 14 Eyi nyinaa akyi no, momfa ɔdɔ a ɛde koroyɛ ba no nka mo abrabɔ ho.
15 Momma Kristo asomdwoe no ntena mo koma mu. Saa asomdwoe yi ho na wɔafrɛ mo nyinaa aba Kristo nipadua koro mu. Monyɛ nnipa a wɔwɔ ayeyi. 16 Kristo asɛm no ne mu nnepa nyinaa ntena mo koma mu. Momfa nyansa nkyerɛkyerɛ. Monto asanku so nnwom ne ayeyi nnwom ne honhom mu nnwom. Mumfi mo koma mu nto aseda nnwom mma Onyankopɔn. 17 Biribiara a moyɛ anaa moka no, monyɛ wɔ Awurade Yesu din mu na momfa ne so nna Agya Onyankopɔn ase.
19 Okununom, monnodɔ mo yerenom na monnhyɛ wɔn ahometew.
20 Mma, ade nyinaa mu, muntie mo awofo asɛm na eyi na ɛsɔ Onyankopɔn ani.
21 Agyanom, munnyi mo mma abufuw na ammu wɔn aba mu.
22 Asomfo, muntie mo wuranom asɛm wɔ ade nyinaa mu. Ɛnyɛ sɛ wɔn ani tua mo nti na ɛsɛ sɛ moyɛ na wɔpene mo, na mmom esiane sɛ mudi Awurade ni no nti, momfa koma pa nyɛ. 23 Biribiara a moyɛ no, momfa mo koma nyinaa nyɛ na momfa no sɛ moreyɛ ama Awurade na monnyɛ mma nnipa. 24 Monkae sɛ Awurade bɛkyɛ mo so ade. Mo nsa bɛka ade a ɔde asie ama ne nkurɔfo no bi. Kristo ne owura a mosom no. 25 Na obiara a ɔyɛ nea ɛnteɛ no, bɔne a ɔyɛ no so akatua na obenya a nhwɛanim biara nni mu.
<- Kolosefo 2Kolosefo 4 ->