1 Ɔko a ɛbɛtɔɔ wɔn a wɔwɔ Saulo afa ne wɔn a wɔwɔ Dawid afa no kyɛe yiye, na ne mfiase ni. Bere a Dawid adedi renya ahoɔden no na Saulo adedi no resɛe.
8 Abner bo fuw yiye kae se, “Meyɛ akraman sodifo wɔ Yuda na wɔadwoodwoo me saa? Nea mayɛ ama wo ne wʼagya, a manyi mo amma Dawid no, mʼayeyi ne sɛ, mode ɔbea yi ho asɛm rekyekyere me? 9 Sɛ mammoa Dawid amma ne nsa anka nea Awurade hyɛɛ ho bɔ no a, Onyankopɔn ne me nni no ɔnwene so. 10 Mede Saulo ahenni bɛkɔ akɔma Dawid na matim Dawid ahengua ase wɔ Israel ne Yuda so afi Dan akosi Beer-Seba.” 11 Esiane sɛ na Is-Boset suro Abner nti, wantumi ankasa bio.
12 Afei, Abner tuu abɔfo kɔɔ Dawid nkyɛn kɔka kyerɛɛ no se, “Ma yɛnyɛ nhyehyɛe na mɛboa ama yɛadan Israelman mu no nyinaa ama wo.”
13 Dawid buae se, “Ɛyɛ asɛm papa, nanso me ne wo renyɛ saa nhyehyɛe no gye sɛ, sɛ woreba a, wode me yere Mikal a ɔyɛ Saulo babea no brɛ me.” 14 Enti, Dawid soma ma wɔkɔbɔɔ Saulo babarima Is-Boset amanneɛ se, “Ma me nsa nka me yere Mikal, efisɛ mede Filistifo ɔha nkwa na ɛtɔɔ no.”
15 Enti Is-Boset gyee Mikal fii ne kunu Paltiel a ɔyɛ Lais babarima no nsam. 16 Na Paltiel de osu dii ɔbea no akyi koduu Bahurim. Na Abner ka kyerɛɛ no se, “San kɔ fie.” Na Paltiel san kɔɔ fie.
17 Na Abner ne Israel ntuanofo adidi nkɔmmɔ. Ɔka kyerɛɛ wɔn se, “Mmere kakra a atwam no, na mopɛ sɛ musi Dawid ɔhene. 18 Bere no ni. Efisɛ Awurade aka se, ‘Mayi Dawid sɛ onnye me nkurɔfo mfi Filistifo ne wɔn atamfo nyinaa nsam.’ ”
19 Abner san ne Benyamin abusua mu ntuanofo kasae. Afei, ɔkɔɔ Hebron kɔbɔɔ Dawid amanneɛ se, Israel nyinaa ne Benyamin taa wʼakyi. 20 Bere a Abner ne ne mmarima aduonu baa Hebron no, Dawid too wɔn pon kɛse. 21 Na Abner ka kyerɛɛ Dawid se, “Ma menkɔ na menkɔfrɛ Israel nnipa nyinaa na wɔmmra wʼafa. Wɔne wo bɛyɛ apam, na wɔasi wo hene. Na ɛbɛma woadi biribiara a wo koma pɛ so.” Enti Dawid maa Abner kɔɔ dwoodwoo.
26 Ɛhɔ ara, Yoab fi Dawid nkyɛn, na ɔsomaa abɔfo sɛ wontiw Abner. Wɔkɔtoo no Sira ɔtare ho, twee no de no bae. Nanso na Dawid nnim ho hwee. 27 Afei, Abner san kɔɔ Hebron no, Yoab frɛɛ no kɔɔ nkyɛn kosii ɔpon ano te sɛ nea ɔrekɔka kokoamsɛm akyerɛ no no. Na ɛhɔ no na esiane sɛ ɔpɛ sɛ ɔtɔ ne nuabarima Asahel so were no nti, Yoab wɔɔ Abner yafunu mu afoa ma owui.
28 Akyiri no a Dawid tee asɛm no, ɔkae se, “Me ne mʼaheman nnim saa asɛm a ɛfa Abner yi ho hwee wɔ Awurade anim. 29 Ne mogya ngu Yoab ne nʼagya fi so! Yoab fi de, awo ntoatoaso mu nyinaa, obi a watutu akuru anaa ɔyare kwata, nea ɔnam pema ho nantew anaa nea owu afoa ano ne nea ɔsrɛsrɛ aduan rempa hɔ da.”
30 Yoab ne ne nuabarima Abisai kum Abner, efisɛ Abner kum wɔn nuabarima Asahel wɔ akono wɔ Gibeon.
33 Afei, ɔhene too saa kwadwom yi maa Abner:
36 Eyi sɔɔ nnipa no ani yiye. Nokware, biribiara a ɔhene no yɛe no sɔɔ ɔmanfo no ani. 37 Eyi maa obiara a ɔte Yuda ne Israel no huu sɛ, ɛnyɛ ɔhene Dawid na okum Abner.
38 Na ɔhene Dawid bisaa ɔmanfo no se, “Munhu sɛ ɔkannifo kɛse ne onipa kɛse atɔ fam nnɛ wɔ Israel ana? 39 Na ɛwɔ mu sɛ me ne ɔhene a wɔasra no de, nanso Seruia mmabarima Yoab ne Abisai de, wɔyɛ den dodo ma me sɛ metumi aka wɔn ahyɛ. Ɛno nti, Awurade ntua saa mmarima amumɔyɛfo yi so ka wɔ wɔn amumɔyɛsɛm ho.”
<- 2 Samuel 22 Samuel 4 ->- a Gesur yɛ Siria ahemman ketewa bi a ɛhɔ na Absalom kɔpɛɛ guankɔbea (13.37-38; 14.23).