1 Ahitofel ka kyerɛɛ Absalom se, “Meyi asraafo mpem dumien, na mafi ha anadwo yi akɔtaa Dawid. 2 Mɛto no wɔ bere a ɔbrɛ nti, nʼaba mu abu. Ɔne nʼakofo nyinaa bɛbɔ hu na wɔaguan. Ɔhene no nko ara na mɛbɔ no ahwe, 3 na mede nnipa no asan abrɛ wo. Onipa a wohwehwɛ no no wu bɛma wɔn nyinaa asan aba; nnipa no mu biara ho rentɔ kyima.” 4 Saa nhyehyɛe yi sɔɔ Absalom ne Israel mpanyimfo nyinaa ani.
7 Husai buaa Absalom se, “Afotu a Ahitofel ama wo no nnye saa bere yi. 8 Wunim wʼagya ne ne dɔm; wɔyɛ akofo akɛse, na wɔn ho yɛ hu sɛ sisi a wɔawia ne mma. Ɛno da nkyɛn a, wʼagya nim de wɔ akodi mu; ɔne nʼakofo no rentena anadwo yi. 9 Sesɛɛ mpo, wakɔtɛw ɔbodan bi mu anaa baabi foforo. Na sɛ odi kan tow hyɛ mo so a, nea ɔbɛte biara no bɛka se, ‘Wɔakunkum asraafo a wodi Absalon akyi no.’ 10 Na sɛ ɛba saa a, ɔsraani a ɔyɛ nnam a ne koma te sɛ gyata no koraa, ehu bɛma wabɔ hu. Na Israel nyinaa nim sɛ wʼagya yɛ ɔkofo, na wɔn a wɔka ne ho no nso koko yɛ duru.
11 “Enti mitu wo fo sɛ, boa Israel nyinaa ano, efi Dan kosi Beer-Seba. Woyɛ saa a wubenya asraafo a wɔn dodow bɛyɛ sɛ mpoano nwea. Na migye di sɛ wʼankasa bedi asraafo no anim. 12 Na sɛ yehu Dawid a, yɛbɛtow ahyɛ no so, sɛnea obosu gu asase so, a ɔno ne mmarima no mu baako mpo nka. 13 Na sɛ Dawid aguan kɔ kuropɔn bi so a, wode Israel asraafo nyinaa bɛkɔ hɔ. Afei, yebetumi afa ntampehama de atwe kurow no afasu, akogu obon a ɛbɛn mu, kosi sɛ ɔbo biara a ɛwɔ mu no bɛyam.”
14 Afei, Absalom ne Israel mpanyimfo nyinaa kae se, “Husai afotu no ye sen Ahitofel de no.” Efisɛ Awurade ahyehyɛ sɛ Ahitofel afotu pa a ɔde ama no bɛsɛe, sɛnea ɛbɛyɛ a, ɔhaw ne abɛbrɛsɛ bɛba Absalom so.
17 Yonatan ne Ahimaas tenaa En-Rogel, sɛnea ɛbɛyɛ a, wɔrenkɔ kurow no mu na wɔnnsan mpue. Na wɔayɛ nhyehyɛe bi sɛ abaawa bi de nkra a ɛsɛ sɛ wɔde kɔma ɔhene Dawid no bɛbrɛ wɔn. 18 Nanso abarimaa bi huu wɔn sɛ wɔrefi En-Rogel akɔ Dawid nkyɛn nti, ɔkɔka kyerɛɛ Absalom. Na woguan kɔɔ Bahurim, maa ɔbarima bi de wɔn kosiee abura bi a ɛwɔ nʼadiwo mu. 19 Ɔbarima no yere de ntama kataa abura no so, de atoko guu so te sɛnea ɔrehata no owia so, na obiara ansusuw sɛ nnipa hyɛ abura no mu.
20 Bere a Absalom mmarima no duu hɔ no, wobisaa ɔbea no se, “Woahu Ahimaas ne Yonatan ana?”
21 Afei mmarima baanu no fii abura no mu, de mmirika kɔɔ ɔhene Dawid nkyɛn kɔbɔɔ no amanneɛ se, “Fi ha twa asu no ntɛm anadwo yi!” Wɔkaa Ahitofel afotu a ɛbɛma wɔakyere no akum no no kyerɛɛ no. 22 Enti Dawid ne nnipa no nyinaa tutuu so, kotwaa Yordan. Eduu adekyee no, na obiara atwa Yordan kɔ nʼagya.
23 Ahitofel huu sɛ nʼanim agu ase, efisɛ wɔamfa nʼafotu no, ɔhyehyɛɛ nʼafurum tenaa ne so, kɔɔ ne kurom. Ɔtotoo ne nneɛma yiye, na ɔkɔsɛn ne ho. Enti owu ma wosiee no wɔ nʼagya ɔda mu.
24 Ankyɛ na Dawid duu Mahanaim. Saa bere no na Absalom aboaboa Israel asraafo no nyinaa ano a odi wɔn anim rekotwa Asubɔnten Yordan. 25 Absalom yii Amasa de no tuaa asraafo no ano, sii Yoab a na anka ɔyɛ Dawid sahene no anan mu. Amasa yɛ ɔbarima bi a wɔfrɛ no Yitra, a ɔyɛ Israelni a ɔwaree Abigail a ɔyɛ Nahas babea, na ɔyɛ Seruia nuabea, a ɔyɛ Yoab na ba. 26 Israelfo no ne Absalom tenaa Gilead asase so.
27 Na Dawid duu Mahanaim no, Nahas a ofi Raba babarima Sobi Amonni no, kyiaa no fɛw so. Saa ara na Amiel a ofi Lo-debar babarima Makir[a] ne Gileadni Barsilai a ofi Rogelim nso gyee no fɛw so. 28 Wɔbrɛɛ no kɛtɛ, nkuku ne nkaka, atoko, asikresiam, nkyewe, asɛ ne asedua, 29 ɛwo ne nufusu ani srade ne anantwi nufusu a akyenkyen mua. Wɔde brɛɛ Dawid ne ne nkurɔfo a wɔka ne ho no. Na wɔkae se, “Mo nyinaa moabrɛbrɛ, na ɔkɔm ne osukɔm de mo efisɛ moanantew kwan tenten wɔ sare so.”
<- 2 Samuel 162 Samuel 18 ->- a Saa Makir yi ara na ogyee Mefiboset (Yonatan ba bubuafo) no ne no tenaa Lo-debar no.