4 Onyankopɔn amfa abɔfo a wɔyɛɛ bɔne no ho ankyɛ wɔn. Ɔtow wɔn guu asaman sum mu baabi, guu wɔn nkɔnsɔnkɔnsɔn, na ɛhɔ na wɔretwɛn atemmu no. 5 Onyankopɔn amma tete wiase no amfa ne ho anni. Ɔmaa nsuyiri baa wɔn a na wonsuro Onyankopɔn no so. Wɔn a ogyee wɔn nkwa no ne Noa a ɔkaa trenee ho asɛm no ne nnipa baason bi. 6 Onyankopɔn buu Sodom ne Gomora fɔ de ogya sɛee wɔn, de bɔɔ wɔn a wonsuro Onyankopɔn no kɔkɔ. 7 Ogyee Lot a ɔyɛ ɔtreneeni no fii nnipa nnebɔneyɛfo nsam. 8 Na saa ɔtreneeni no te saa nnipa nnebɔneyɛfo no mu; na afide a na saa nnipa no yɛ no adekyee ne adesae no haw no yiye. 9 Sɛ ɛte saa de a, na ɛkyerɛ sɛ Awurade nim ɔkwan a ɔfa so gye nʼakyidifo fi ɔhaw mu, na onim ɔkwan a ɔfa so kora nnipa nnebɔneyɛfo, twe wɔn aso de twɛn atemmuda no. 10 Ne titiriw no, eyi fa wɔn a wodi wɔn honam akɔnnɔ akyi na wɔpa Onyankopɔn tumi no ho.
13 Wobetua wɔn ɔhaw a wɔma ɛbaa no so ka. Nea wɔn ani gye ho ne sɛ wɔbɛyɛ biribiara a eye ma wɔn honam akɔnnɔ no awia ketee. Sɛ wɔne mo to nsa didi a, egu wɔn anim ase. Efisɛ saa bere no na wɔka nnaadaasɛm. 14 Wɔnhwehwɛ hwee sɛ mmea nguamanfo efisɛ wɔpɛ sɛ daa wɔyɛ bɔne. Wɔdaadaa nnipa a wɔyɛ mmerɛw kɔ bɔne mu. Wɔayɛn wɔn koma ama anibere. Wɔwɔ Onyankopɔn nnome ase. 15 Wɔaman afi ɔkwan tee no so enti wɔayera. Wɔafa ɔkwan a Beor ba Bileam a ɔde ne sika a onya no yɛ bɔne no kɔfaa so no so. 16 Eyi ma wɔkaa nʼanim wɔ ne bɔne no ho. Nʼafurum de onipa nne kasa de siw odiyifo no adammɔsɛm no ho kwan.
17 Saa nnipa yi te sɛ asuti a ayow anaasɛ omununkum a mframa bɔ no. Onyankopɔn de wɔn asie sum kabii mu wɔ baabi. 18 Wɔka ahantansɛm ne nkwaseasɛm na wɔnam wɔn honam akɔnnɔ ho nnaadaa so twetwe wɔn a wɔatwe wɔn ho afi nnebɔneyɛfo ho no. 19 Wɔhyɛ wɔn ahofadi ho bɔ wɔ bere a wɔn ankasa yɛ bɔne nkoa efisɛ onipa yɛ biribiara a edi no so no akoa. 20 Na sɛ onipa sua yɛn Awurade ne yɛn Agyenkwa Yesu Kristo ho asɛm, na ɔnam so guan fi wiase yi mu akwammɔne so, na akyiri no ɔkɔ bɔne mu bio ma ɔdan bɔne akoa a, ɛno de ɛyɛ hu sen ne kan no. 21 Sɛ anka wonnim Kristo koraa a, anka eye ma wɔn sen sɛ wobesua ne ho nsɛm na afei wɔbɛdan wɔn akyi akyerɛ mmara Kronkron a wɔde maa wɔn no. 22 Nea ɛbaa wɔn so no kyerɛ sɛ, saa bɛ yi yɛ nokware. “Ɔkraman san kɔtaforo ne fe na prako a wɔaguare no no nso koguare wɔ dontori mu.”
<- 2 Petro 12 Petro 3 ->