1 Anuanom a yɛne Onyankopɔn bɔ mu yɛ adwuma, yɛsrɛ mo sɛ Onyankopɔn adom a mo nsa aka no, munnnye no kwa. 2 Onyankopɔn se,
3 Yɛmpɛ sɛ obiara benya yɛn adwuma ho asɛmmɔne aka, enti yɛmpɛ sɛ yɛde hintidua to obiara kwan mu. 4 Biribiara a yɛbɛyɛ no, ɛsɛ sɛ yɛda yɛn ho adi sɛ Onyankopɔn nkoa na yɛde boasetɔ tumi gyina ɔhaw ne amane nyinaa ano. 5 Wɔahwe yɛn, wɔde yɛn ato afiase, dɔm baa yɛn so, wɔama yɛayɛ adwuma a ɛboro yɛn so, yɛasi pɛ akyen kɔm. 6 Nanso yɛnam yɛn kronkronyɛ, osuahu, boasetɔ ne ayamye so ada yɛn ho adi sɛ yɛyɛ Onyankopɔn asomfo. Afei yɛnam Honhom Kronkron no so, yɛn nokware dɔ, 7 yɛn nokwasɛm a yɛka ne Onyankopɔn tumi so kyerɛ sɛ yɛyɛ Onyankopɔn asomfo. Trenee ne yɛn akode a yɛde kɔ ɔtamfo so na yɛde bɔ yɛn ho ban nso. 8 Sɛ wɔhoahoa yɛn o, sɛ wogu yɛn anim ase o, sɛ wɔyaw yɛn o, sɛ wɔkamfo yɛn o, yɛkɔ so ara som Onyankopɔn. Wobu yɛn sɛ atorofo nanso yɛka nokware. 9 Wɔyɛ wɔn ho sɛnea wonnim yɛn nanso obiara nim yɛn. Yewui, sɛnea muhu no, nanso yɛte ase. Ɛwɔ mu sɛ wɔtwee yɛn aso nanso wɔankum yɛn. 10 Wɔmaa yɛn werɛ howee, nanso yɛn ani gye daa. Yɛsɛ ahiafo, nanso yɛma nnipa bebree nya wɔn ho. Ɛyɛ sɛ yɛn nsam nni hwee, nanso yɛwɔ biribiara.
11 Me nnamfonom a mowɔ Korinto, yɛabue yɛn koma mu aka nokware no akyerɛ mo. 12 Yɛmfaa biribiara nhintaw mo wɔ yɛn koma mu, na mo na mode nsɛm ahintaw yɛn wɔ mo koma mu. 13 Mprempren, mekasa kyerɛ mo sɛ me mma: sɛnea yɛdwene mo ho no, mo nso monnwene yɛn ho saa ara bi. Mommfa biribiara nhintaw yɛn. Mummue mo koma mu!