5 Monsɔ mo ho nhwɛ, na mummu mo ho atɛn nhwɛ sɛ mote ase wɔ gyidi mu ana. Munim yiye sɛ Kristo Yesu te mo mu ana? Sɛ ɔnte mo mu a na ɛkyerɛ sɛ moantumi sɔhwɛ no. 6 Minim yiye sɛ mubehu sɛ yɛanni nkogu. 7 Afei yɛbɔ mpae srɛ Onyankopɔn sɛ morenyɛ biribiara a enye. Yɛmpɛ sɛ nnipa behu sɛ yɛwɔ tumi bi wɔ mo so. Mpo sɛ wohu yɛn sɛ yɛsɛ nnipa a yɛadi nkogu wɔ yɛn adwuma mu a, yɛpɛ, efisɛ yɛpɛ sɛ mobɛyɛ nea eye de adi nkonim. 8 Yɛrentumi nsɔre ntia nokware, na mmom nokware nko ara na ɛsɛ sɛ yegyina ma no. 9 Sɛ yehu sɛ yɛyɛ mmerɛw na moyɛ den a, na yɛn ani agye. Enti yɛn nso yɛrebɔ mpae sɛ mobɛyɛ pɛ. 10 Ɛno nti na merekyerɛw saa krataa yi abrɛ mo, sɛnea ɛbɛyɛ na, sɛ meba a merennyina tumi a Awurade de ama me sɛ memfa mmoa mo na munyin na mo mu antetew no so ne mo nni no anibere so.
13 Onyankopɔn nkurɔfo nyinaa kyiakyia mo.