7 Ebesi saa bere no, na nnipa bi tete asase no so a wɔnyɛ Israelfo. Na saa nnipa no yɛ Hetifo, Amorifo, Perisifo, Hewifo ne Yebusifo. 8 Eyinom yɛ aman a Israel ntɔre wɔn ase korakora no asefo. Ɛno nti, Salomo hyɛɛ wɔn ma wɔyɛɛ adwuma maa no. Na ebesi nnɛ, wɔsom sɛ apaafo. 9 Nanso Salomo anhyɛ Israelni biara amma wanyɛ adwuma sɛ ɔpaani. Mmom, ɔmaa ebinom kɔyɛɛ asraafo, mpanyimfo wɔ nʼakofo so ne ne nteaseɛnam ne nʼapɔnkɔkafo so asahene. 10 Ɔhene Salomo yii wɔn mu ahannu aduonum ma wɔkɔhwɛɛ ne nkɔsodwuma so.
11 Salomo yii ne yere a ɔyɛ Farao babea fii Dawid kurow mu, de no kɔɔ ahemfi foforo a wasi ama no no mu. Ɔkae se, “Ɛnsɛ sɛ me yere tena Ɔhene Dawid ahemfi, efisɛ na Awurade Apam Adaka no si hɔ, enti ɛhɔ yɛ asase kronkron.”
12 Na Salomo bɔɔ ɔhyew afɔre wɔ afɔremuka a wasi wɔ Asɔredan no ntwironoo no anim no so, maa Awurade. 13 Da biara, wɔbɔɔ afɔre sɛnea Mose de maa wɔn no. Afahyɛ ahorow a wodii no bi ne Homeda, Ɔsram Foforo Da, ne mfirihyia abiɛsa biara afahyɛ no mu a, ɛyɛ Twam Afahyɛ, Otwabere Afahyɛ ne Asese Afahyɛ. 14 Salomo de asɔfo no nnwuma rehyɛ wɔn nsa no, ɔfaa nʼagya Dawid akwankyerɛ so. Saa ara na ɔmaa Lewifo no dii ɔmanfo no anim too ayeyi nnwom, na wɔboaa asɔfo no wɔ wɔn daa daa nnwuma mu. Ɔde apon ano ahwɛfo akuwakuw no sisii wɔn apon ano sɛnea Dawid, Onyankopɔn nipa no kyerɛɛ wɔn no. 15 Salomo amman amfi akwankyerɛ a Dawid mae a ɛfa asɔfo, Lewifo ne sikakorabea ho.
16 Na Salomo hwɛɛ biribiara a ɛfa Awurade Asɔredan no si so fi da a wotwaa ne fapem, kosi da a wɔde wiee si no.
17 Akyiri no, Salomo kɔɔ Esion-Geber ne Elot a ɛyɛ ahyɛngyinabea a ɛwɔ Edom asase a ɛda Po Kɔkɔɔ mpoano hɔ no. 18 Huram brɛɛ no ahyɛn a ɔno ankasa mpanyimfo hwɛ so; na emu adwumayɛfo no nim adwuma yiye. Salomo nkurɔfo ne saa ahyɛn yi kɔɔ Ofir asase so, na wɔde sikakɔkɔɔ a na ɛkari bɛyɛ tɔn dunson brɛɛ Salomo.
<- 2 Beresosɛm 72 Beresosɛm 9 ->