4 Saulo fi yaw mu ka kyerɛɛ nʼakodekurafo no se, “Twe wʼafoa no, na fa wɔ me, na wɔn a wontwaa twetia no amfa wɔn afoa ammɛwɔ me, angu mʼanim ase.”
7 Bere a Israelfo a wɔwɔ Yesreel bon no fa baabi ne Yordan agya no huu sɛ Israel asraafo no adi nkogu, na Saulo nso ne ne mmabarima no nso atotɔ no, wogyaw wɔn nkurow hɔ guanee. Na Filistifo no bɛtenaa hɔ.
8 Ade kyee a Filistifo koyiyii atɔfo no ho no, wohuu Saulo ne ne mmabarima baasa no amu wɔ Gilboa bepɔw so. 9 Enti wotwaa Saulo ti, yiyii nʼakode nyinaa. Afei, wɔbɔɔ Saulo wu no dawuru wɔ wɔn abosomfi, ne ɔman no mu nyinaa. 10 Wɔde nʼakode no koguu Astoret nsɔree so, na wɔkyekyeree nʼamu no fam kuropɔn Bet-San fasu ho.
11 Na Yabes Gileadfo tee nea Filistifo ayɛ Saulo no, 12 wɔn akofo twaa kwan anadwo mu no nyinaa kɔɔ Bet-San kɔfaa Saulo ne ne mmabarima baasa no amu fii ɔfasu no ho. Wɔde kɔɔ Yabes bɛhyew wɔn. 13 Afei, wɔfaa wɔn nnompe kɔkoraa no odum dua no ase wɔ Yabes, na wodii mmuada nnanson.
<- 1 Samuel 30