2 Anadwo bi, na Eli a nʼani reyɛ afura koraa no kɔdae nkyɛe koraa. 3 Na Onyankopɔn kanea no nnya nnumii. Saa bere no na Samuel da Ahyiae Ntamadan no mu baabi a ɛbɛn Onyankopɔn adaka no. 4 Prɛko pɛ, Awurade frɛe se, “Samuel! Samuel!”
6 Awurade san frɛɛ bio se, “Samuel!”
7 Na Samuel nnya nhuu Awurade, efisɛ na Awurade asɛm mmaa ne nkyɛn da.
8 Awurade frɛɛ Samuel ne mprɛnsa so. Na Samuel yɛɛ ntɛm kɔɔ Eli nkyɛn kɔkae se, “Mini; wofrɛɛ me.”
10 Na Awurade ba bɛfrɛɛ bio se, “Samuel! Samuel!”
11 Na Awurade ka kyerɛɛ Samuel se, “Merebɛyɛ akomatu ade bi wɔ Israel. 12 Merebɛyɛ nea maka atia Eli ne nʼabusuafo no nyinaa. 13 Mabɔ no kɔkɔ mpɛn bebree sɛ, atemmu reba ɔne nʼabusuafo so, efisɛ ne mmabarima abɔ mmusu atia Onyankopɔn, nanso wankasa ankyerɛ wɔn. 14 Na maka ntam se, Eli ne ne mmabarima bɔne no, sɛ wɔbɔ okum afɔre anaa aduan afɔre koraa a, wɔremfa nkyɛ wɔn da.”
17 Eli bisaa no se, “Asɛm bɛn na Awurade ka kyerɛɛ wo? Ka biribiara kyerɛ me. Sɛ wode biribiara sie me a, Onyankopɔn ntwe wʼaso.” 18 Enti Samuel kaa biribiara kyerɛɛ Eli a wamfa hwee anhintaw no. Eli ka sɔw so se, “Ɔne Awurade; ma ɔnyɛ nea eye wɔ nʼani so.”
19 Awurade kaa Samuel ho wɔ ne nyin mu, na biribiara a Samuel kae no, na ɛyɛ nyansasɛm a ɛboa. 20 Nnipa a wɔwɔ Israelman mu nyinaa, efi Dan asase wɔ atifi kosi anafo no, na wonim sɛ wɔahyɛ Samuel Awurade diyifo. 21 Awurade kɔɔ so daa ne ho adi wɔ Silo, na ɔnam nʼasɛm so daa ne ho adi kyerɛɛ Samuel wɔ ntamadan mu hɔ.