11 Afei, Elkana ne Hana gyaw Samuel hɔ ma wɔkɔɔ fie wɔ Rama. Na abarimaa no bɛyɛɛ Awurade somfo wɔ ɔsɔfo Eli nan ase.
16 Onipa a ɔrebɔ afɔre no ka se, “Fa dodow biara a wopɛ, nanso srade no de, ɛsɛ sɛ wɔhyew ansa.” Ɛhɔ na ɔsomfo no bɛka se, “Dabi da, fa ma me mprempren ara, anyɛ saa a, mede me tumi bɛfa.”
17 Na saa bɔne a mmerante yi yɛ yi yɛ akyiwade wɔ Awurade anim, efisɛ na wobu Awurade afɔrebɔ no animtiaa.
18 Samuel de, ɛwɔ mu sɛ na ɔyɛ abarimaa de, nanso na ɔyɛ Awurade somfo a wɔde nwera asɔfotade ahyɛ no te sɛ ɔsɔfo. 19 Afe biara a ne na ne ne kunu rekɔbɔ afirihyia afɔre no, na ne na pam batakari ketewaa bi de kɔma no. 20 Ansa na wɔbɛsan akɔ fie no, Eli hyira Elkana ne ne yere ka se, “Awurade mma ɔbea yi nwo mma, na ommesi nea ɔbɔɔ ne ho mpae nyae a ɔde no maa Awurade no anan mu.” 21 Na Awurade maa Hana woo mmabarima baasa ne mmabea baanu. Na Samuel nyinii wɔ Awurade anim.
22 Afei, Eli bɔɔ akwakoraa, nanso na onim nea ne mmabarima no de reyɛ Israelfo. Nhwɛso bi ne sɛ, na onim sɛ ne mmabarima no fa mmabaa a wɔboa ntamadan no ano adwumayɛ no. 23 Eli ka kyerɛɛ wɔn se, “Metete mo ho nsɛm fi ɔmanfo nkyɛn a ɛfa amumɔyɛsɛm a mudi no ho. Adɛn nti na mokɔ so yɛ bɔne? 24 Me mma, ɛsɛ sɛ mugyae! Mo ho nsɛm a metete fi Awurade nkurɔfo nkyɛn no nye. 25 Sɛ obi yɛ bɔne tia ɔfoforo a, Onyankopɔn tumi gyina mu ma ɔfɔdifo no. Nanso sɛ obi yɛ bɔne tia Awurade a, hena na obetumi agyina mu?” Eli mma no antie wɔn agya afotu no, na Awurade nso reyɛ nʼadwene sɛ obekum wɔn.
26 Na abofra Samuel nyinii, na ɔkɔɔ so nyaa adom fii Awurade ne ɔmanfo nkyɛn.
30 “Enti asɛm a Awurade, Israel Nyankopɔn ka ara ni: ‘Meremma nneɛma bɔne a moreyɛ yi nkɔ so! Mehyɛɛ bɔ sɛ wo Lewi abusuafo no bɛyɛ mʼasɔfo, nanso wɔn a wodi me ni no, medi wɔn ni; na wɔn a wobu me animtiaa no, mɛbɔ wɔn ahohora. 31 Mɛma mo fifo agyae mʼasɔfodi som no. Mpatuwu rempa mo fi da na mo mu biara rentena ase nni mfe mmee, 32 na mubehu awerɛhow wɔ me tenabea. Ɛwɔ mu, trenee bɛba Israel so, nanso obiara nni mo abusua mu a obenyin abɔ akwakoraa. 33 Wɔn a wɔbɛka no bɛtena ase awerɛhow ne ahoɔmmerɛw mu. Na mo asefo bɛtetew abun awuwu.
34 “ ‘Na sɛnea ɛbɛyɛ na wubehu sɛ nea maka no bɛba mu saa no nti, mɛma wo mmabarima baanu no, Hofni ne Pinehas no awuwu da koro mu. 35 Ɛno akyi masi ɔsɔfo foforo a ɔyɛ ɔnokwafo a ɔbɛsom me, na wayɛ nea mɛkyerɛ no sɛ ɔnyɛ biara. Mehyira nʼasefo, na ne fifo bɛyɛ ahene a mɛsra wɔn ngo no asefo akosi daa. 36 Na wʼasefo nyinaa bɛkotow nʼasefo, asrɛsrɛ wɔn sika ne aduan. Wɔbɛka se, “Mesrɛ mo, momma yɛn nnwuma bi nyɛ wɔ asɔfo no mu sɛnea ɛbɛma yɛanya aduan adi amee.” ’ ”
<- 1 Samuel 11 Samuel 3 ->- a Na mmara no ka se, ɛsɛ sɛ wɔhyew srade ne sradenam wɔ afɔremuka no so (3 Mose 3.16; 4.8-10).