4 Ansa na Yonatan beduu Filistifo nsraban mu no, na ɛsɛ sɛ osian fa abotan mmepɔw abien bi a wɔfrɛ no Boses ne Sene no ntam. 5 Ɔbotan a etweri hɔ a na ɛwɔ atifi fam no, na ɛkyerɛ Mikmas anim, na nea ɛwɔ anafo fam no nso ɛkyerɛ Geba anim.
6 Yonatan ka kyerɛɛ aberante a ɔyɛ nʼakodekurafo no se, “Ma yentwa mu nkɔ abosonsomfo no nkyɛn. Ebia, Awurade bɛboa yɛn, efisɛ biribiara ntumi nsiw Awurade kwan. Obetumi adi ɔko mu nkonim a ɛmfa ho sɛ nʼakofo dɔɔso anaa wosua.”
7 Aberante no kae se, “Yɛ nea wugye di sɛ eye biara. Gyinae biara a wubesi no, metaa wʼakyi pintinn.”
8 Yonatan kae se, “Eye, yebetwa mu akɔ hɔ, na yɛama wɔahu yɛn. 9 Na sɛ wɔka se, ‘Munnyina faako a moadu hɔ ara na anyɛ saa a, yebekum mo’ a, ɛno de, yebegyina a yɛrenkɔ wɔn nkyɛn. 10 Na sɛ wɔka se, ‘Momforo mmra mmɛko’ a, ɛno de, yɛbɛforo akɔ soro. Ɛbɛyɛ Awurade nsɛnkyerɛnne sɛ ɔbɛboa yɛn, ama yɛadi wɔn so nkonim.” 11 Bere a Filistifo no huu sɛ wɔreba no, wɔteɛɛ mu se, “Monhwɛ o! Hebrifo no na wɔreweawea afi wɔn abon mu no!”
12 Na wɔteɛɛ mu frɛɛ Yonatan se, “Foro bra ha na yɛnkyerɛ wo nyansa!” Yonatan ka kyerɛɛ nʼakodekurafo no se, “Bra; foro di mʼakyi na Awurade bɛboa yɛn, ama yɛadi wɔn so nkonim.”
13 Enti wɔde wɔn nsa abien ne wɔn anan foroe, na Yonatan ne nʼakodekurafo no kunkum Filistifo no benkum ne nifa. 14 Wokunkum mmarima bɛyɛ aduonu maa wɔn amu no dedaa asase a ne trɛw bɛyɛ sɛ eka fa so. 15 Ɛhɔ ara, ehu bɔɔ Filistifo asraafo no wɔ nsraban no mu ne akono hɔ nyinaa, na ɛkaa afowfo no mpo. Ɛhɔ ara asase wosow maa obiara koma tui.
18 Saulo ka kyerɛɛ Ahiya se, “Kɔfa Onyankopɔn Apam Adaka no bra.” (Saa bere no na ɛwɔ Israelfo nkyɛn.) 19 Bere a Saulo rekasa akyerɛ ɔsɔfo no, na basabasa a asi Filistifo nsraban no mu no ano den ara na ɛreyɛ. Enti Saulo ka kyerɛɛ ɔsɔfo no se, “Gyae! Ma yɛnkɔ.”
20 Afei, Saulo ne ne mmarima ahansia no kaa wɔn ho ntɛm so fii akono hɔ kohuu sɛ, Filistifo no atwa wɔn ho rekunkum wɔn ho wɔn ho. Na ɛhɔ nyinaa ayɛ kitikiti ne basabasa nko ara. 21 Mpo, Hebrifo a na wɔdɔm Filistifo asraafo no kɔdɔm Saulo, Yonatan ne Israelfo nkae no. 22 Saa ara na mmarima a na wɔakɔtetɛw wɔ mmepɔw mu no huu sɛ Filistifo no reguan no, bɛkaa ho taa wɔn bi. 23 Enti Awurade gyee Israel da no. Na ɔko no kɔɔ so ara traa Bet-Awen.
29 Na Yonatan teɛɛ mu se, “Mʼagya de ɔhaw abɛto yɛn nyinaa so. Mmara a ɛte sɛɛ no pira yɛn. Monhwɛ sɛ ɛwo kakra a midii yi, me ho asisi me ho so. 30 Sɛ mmarima no nyaa kwan dii nnuan a wohuu wɔ yɛn atamfo no nkyɛn a, anka mo ara mubehu wɔn dodow a yebekum aka ho.”
31 Nanso ɔkɔm no nyinaa akyi, wɔtaa Filistifo no da mu no nyinaa fi Mikmas, kosii Ayalon. Na afei, wɔbrɛbrɛɛ mmoroso. 32 Anwummere no, wɔtow guu asade no so, faa nguan, anantwi ne anantwi mma. Wokunkum wɔn, wee wɔn nam ne wɔn mogya nyinaa frae. 33 Afei, obi ka kyerɛɛ Saulo se, “Hwɛ! Mmarima no reyɛ bɔne atia Awurade, efisɛ wɔrewe nam a mogya fra mu.”
36 Na Saulo kae se, “Momma yɛnkɔ Filistifo no so anadwo yi, na yɛnkɔsɛe wɔn ara nkosi ahemadakye a yɛrennyaw wɔn mu baako koraa.” Na wobuae se, “Biribiara a wugye di sɛ eye no, yɛbɛyɛ.”
38 Enti Saulo ka kyerɛɛ ntuanofo no se, “Biribi atɔ kyima, enti mehwehwɛ mʼasahene nyinaa. Ɛsɛ sɛ yehu bɔne a yɛayɛ nnɛ. 39 Mede Awurade a oyii Israel din ka ntam sɛ nea wayɛ bɔne no bewu, mpo sɛ ɔyɛ me babarima Yonatan!” Na mmarima no mu baako mpo antumi anka hwee.
40 Afei, Saulo ka kyerɛɛ Israelfo no nyinaa se, “Munnyina nohɔ; me ne me babarima Yonatan nso begyina ha.” Nnipa no penee so.
41 Enti Saulo bɔɔ Awurade, Israel Nyankopɔn, mpae se, “Ao Awurade Israel Nyankopɔn, yɛsrɛ wo kyerɛ yɛn nea odi fɔ ne nea odi bem. Mene Yonatan di fɔ anaasɛ bɔne no wɔ nkurɔfo no mu? Mfomso no bɛtɔɔ Yonatan ne Saulo so, na nnipa no dii bem.” 42 Na Saulo kae se, “Mommɔ me ne me babarima Yonatan so ntonto.” Na ntonto no bɔɔ Yonatan sɛ odi fɔ.
43 Saulo bisaa Yonatan se, “Ka nea woayɛ kyerɛ me.”
44 Saulo kae se, “Yiw, Yonatan, ɛsɛ sɛ wuwu. Sɛ woanwu wɔ saa asɛm yi ho a, Onyankopɔn nka me na minwu.”
45 Ɛhɔ ara na nnipa no sɔre teɛɛ mu ka kyerɛɛ Saulo se, “Enti ɛfata sɛ Yonatan a ogyee Israel nnɛ no wu ana? Onyame mpa ngu. Bere dodow no a Awurade te ase yi, ne tinwi baako koraa ho nka, efisɛ Onyankopɔn afa ne so ayɛ anwonwade nnɛ.” Enti nnipa no gyee Yonatan, na wɔankum no.
46 Na Saulo frɛɛ asraafo no sɛ wɔnntaa Filistifo no bio. Enti Filistifo no san kɔɔ fie.
49 Na Saulo mmabarima ne Yonatan, Iswi ne Malki-Sua na ne mmabea baanu nso ne Merab a ɔyɛ panyin ne Mikal nso a ɔyɛ akumaa. 50 Na Saulo yere din de Ahinoam a na ɔyɛ Ahimaas ba. Na ne sahene din de Abner a na ɔyɛ Saulo agya nua Ner babarima. 51 Na Saulo agya Kis ne Abner agya Ner yɛ anuanom a wɔyɛ Abiel mma.
52 Bere a Saulo dii ade nyinaa, na Filistifo taa ne Israelfo di ako. Enti bere biara a Saulo behu aberante biara a ne koko yɛ duru na ɔwɔ ahoɔden no, ɔtwe no de no fra nʼasraafo mu.
<- 1 Samuel 131 Samuel 15 ->