6 Anuanom, mo nti mede Apolo ne me ayɛ nhwɛso, sɛnea ɛbɛma mo osuahu a ɛka se, “Di mmara pa so” no. Ɛnsɛ sɛ mo mu biara de onipa bi hoahoa ne ho na obu ɔfoforo nso onipa teta. 7 Hena na ɔka kyerɛɛ wo se wokorɔn sen afoforo? Ɛnyɛ Onyankopɔn na ɔde biribiara a wowɔ no maa wo? Na adɛn nti na wode hoahoa wo ho sɛnea ɛnyɛ akyɛde?
8 Biribiara a mohwehwɛ no, mo nsa aka dedaw! Moyɛ adefo dedaw. Moayeyɛ ahemfo, nanso yɛnyɛ bi! Nokware, anka mepɛ sɛ moyɛ ahemfo na anka yɛn nso yɛyɛ ahemfo bɛka mo ho. 9 Ɛyɛ me sɛ yɛn asomafo yi de, Onyankopɔn de yɛn atwa to sɛ nnipa bi a wɔabu wɔn kumfɔ wɔ bagua mu sɛ nnipa ne wiase abɔfo nyinaa nhwɛ. 10 Kristo nti yɛyɛ nkwaseafo, nanso moyɛ anyansafo wɔ Kristo mu. Yɛyɛ mmerɛw, nanso moyɛ den. Wommu yɛn, nanso wobu mo. 11 Ebesi saa bere yi mu ɔkɔm ne osukɔm de yɛn. Yefura ntamagow; wɔhwe yɛn; yedi atutena; 12 yɛyɛ adwuma a ɛyɛ den de hwɛ yɛn ho. Wɔdome yɛn a, yehyira; wɔhwe yɛn a yegyina ano. 13 Wɔyaw yɛn a, yɛde kasa pa bua. Yɛte sɛ wiase yi mu wura bi a yɛnka hwee de besi nnɛ.
14 Ɛnyɛ sɛ mepɛ sɛ migu mo anim ase nti na mekyerɛw saa nhoma yi brɛɛ mo. Na mmom mepɛ sɛ mekyerɛ mo ɔkwan sɛ me ara me mma a medɔ wɔn. 15 Na sɛ mowɔ ahwɛfo mpem du mpo wɔ mo asetena mu wɔ Kristo mu a, mowɔ Agya baako pɛ. Na mo nkwa a ɛwɔ Kristo Yesu mu no nti, menam asɛmpa a meka kyerɛɛ mo no so abɛyɛ mo agya. 16 Mesrɛ mo sɛ munsuasua me. 17 Ɛnam eyi so nti, meresoma Timoteo na waba mo nkyɛn. Ɔyɛ mʼankasa me dɔba a odi me nokware wɔ Awurade mu. Ɔbɛkaakae mo mʼakwan foforo a menam so di Kristo Yesu akyi ne nkyerɛkyerɛ a mekyerɛkyerɛ wɔ asafo biara a mekɔ mu no mu.
18 Mo mu bi ayɛ ahantan, susuw sɛ meremmɛsra mo. 19 Sɛ Awurade pɛ a, ɛrenkyɛ biara mɛba mo nkyɛn na mʼankasa mabɛhwɛ dwuma a saa ahantanfo yi betumi adi na ɛnyɛ asɛm a wɔbɛka no. 20 Onyankopɔn Ahenni no nyɛ nsɛnkeka na ɛyɛ tumi. 21 Emu nea ɛwɔ he na mopɛ? Memmɛbɔ mo mmaa anaa koma a ɔdɔ wɔ mu na ebu ade na memfa mmra mo nkyɛn?
<- 1 Korintofo 31 Korintofo 5 ->