6 Mprempren, eyinom nyinaa yɛ nhwɛso ma yɛn na ɛbɔ yɛn kɔkɔ nso sɛ, ɛnsɛ sɛ yedi bɔne akyi sɛnea wɔyɛɛ no, 7 na ɛnsɛ sɛ yɛsom ahoni sɛnea wɔn mu bi yɛe no. Sɛnea Kyerɛwsɛm no ka se, “Nnipa no tenaa ase, didi nomee, na wogoruu abosongoru, yɛɛ ahuhude.” 8 Ɛnsɛ sɛ yɛbɔ aguaman, sɛnea wɔn mu bi yɛe no na da koro wɔn mu mpem aduonu abiɛsa wuwui no. 9 Ɛnsɛ sɛ yɛsɔ Awurade hwɛ sɛnea wɔn mu bi yɛ maa awɔ kekaa wɔn kunkum wɔn no. 10 Ɛnsɛ sɛ munwiinwii sɛnea wɔn mu bi yɛ maa ɔsɛe bɔfo sɛe wɔn no.
11 Eyinom nyinaa baa wɔn so de yɛɛ nhwɛso maa afoforo. Na wɔkyerɛw guu hɔ sɛ kɔkɔbɔ maa yɛn. Efisɛ yɛte hɔ sɛ ɛrenkyɛ na bere no aba awiei. 12 Obiara a osusuw sɛ ogyina hɔ no, ɔnhwɛ yiye na wanhwe ase. 13 Sɔhwɛ biara a aba wʼakwan mu no yɛ nea ɛba nnipa akwan mu. Esiane sɛ Onyankopɔn di ne bɔhyɛ so nti, ɔremma ho kwan mma sɔhwɛ a ɛboro wʼahoɔden so nto wo. Sɛ sɔhwɛ ba wo so a ɔbɛma wo ahoɔden ama woatumi agyina ano na woanya ho nyansa nso.
18 Monhwɛ Israelman. Wɔn a wodi afɔre aduan no ne afɔremuka no wɔ ayɔnkoyɛ. 19 Mibisa se, afɔrebɔde a wɔde ama ohoni no yɛ biribi anaa ohoni no na ɔyɛ biribi? 20 Dabi, asɛm a mereka ne sɛ, nea wɔde abɔ afɔre wɔ ɔbosonsomni afɔremuka so no, wɔde ama ahonhommɔne na ɛnyɛ Onyankopɔn. Mempɛ sɛ mode mo ho bɛhyehyɛ ahonhommɔne. 21 Morentumi nnom Awurade kuruwa ano na monsan nnom ahonhommɔne kuruwa ano. Saa ara na morentumi nnidi wɔ Awurade pon so na monsan nnidi wɔ ahonhommɔne pon nso so. 22 Anaa mopɛ sɛ yɛma Awurade twe ninkunu? Yegye di sɛ yɛyɛ den sen no ana?
23 Wɔka se, “Woama yɛn ho kwan sɛ yɛnyɛ biribiara a yɛyɛ.” Nanso ɛnyɛ biribiara na eye. “Wɔama yɛn ho kwan sɛ yɛnyɛ biribiara.” Nanso ɛnyɛ biribiara na etumi boa yɛn. 24 Ɛnsɛ sɛ obiara pɛ ne nko ne yiyedi na mmom, ɛsɛ sɛ ɔhwehwɛ afoforo nso yiyedi.
25 Tiboa nti mutumi tɔ biribiara a wɔtɔn wɔ gua so di a mummisa ho asɛm biara. 26 Efisɛ Kyerɛwsɛm no ka se, “Asase ne nea ɛwɔ so nyinaa yɛ Awurade dea.”
27 Obi a ɔnyɛ ogyidini frɛ wo adidi na woyɛ wʼadwene sɛ wobɛkɔ a, tiboa nti, aduan a ɔde bɛma wo biara no, di a wummisa ho asɛm biara. 28 Nanso sɛ obi ka kyerɛ wo se, “Wɔde saa aduan yi maa ahoni” a, esiane nea ɔbɔɔ wo saa amanneɛ no tiboa nti, nni saa aduan no. 29 Ɛno nyɛ wo tiboa, na ɛyɛ onipa a ɔbɔɔ wo saa amanneɛ no tiboa. Obi bebisa se, “Adɛn nti na obi tiboa siw mʼahofadi ho kwan? 30 Sɛ meda Awurade ase wɔ mʼaduan ho a, adɛn nti na aduan a mada ho ase no obi ka ho asɛm?”
31 Biribiara a mobɛyɛ no, sɛ moredidi o, sɛ morenom o, monyɛ mfa nhyɛ Onyankopɔn anuonyam. 32 Monnyɛ biribiara mfa nhaw Yudafo anaa amanamanmufo anaa Onyankopɔn asafo. 33 Monyɛ sɛnea meyɛ no. Mema obiara ani gye nea meyɛ ho a minnwen mʼankasa me yiyedi ho, na mmom midwen yɛn nyinaa yiyedi ho sɛnea ɛbɛyɛ a wobegye wɔn nkwa.
<- 1 Korintofo 91 Korintofo 11 ->