4 Ɛsra a ɔyɛ mmara no kyerɛkyerɛfo no gyinaa apa tenten bi a wosi maa saa da no so. Nnipa a na wogyinagyina ne nifa so no din de Matitia, Sema, Anaia, Uria, Hilkia ne Maaseia. Wɔn a na wogyinagyina ne benkum so no din de Pedaia, Misael, Malkia, Hasum, Hasbadana, Sakaria ne Mesulam.
5 Ɛsra gyinaa apa no so a nnipadɔm no nyinaa hu no. Bere a wohuu sɛ wabue nhoma no mu no, wɔn nyinaa sɔresɔre gyinaa wɔn anan so. 6 Na Ɛsra kamfoo
7 Afei, Lewifo a wɔn din de Yesua, Bani, Serebia, Yamin, Akub, Sabetai, Hodia, Maaseia, Kelita, Asaria, Yosabad, Hanan ne Pelaia kyerɛɛ ɔmanfo a wogyinagyina hɔ no nea wɔnyɛ. 8 Wɔkenkan fii Onyankopɔn mmara nhoma no mu kyerɛɛ wɔn nea wɔkenkanee no ase, boaa ɔmanfo no ma wɔtee ɔkasapɛn biara ase.
9 Na amrado Nehemia, ɔsɔfo Ɛsra a na ɔyɛ mmara no kyerɛkyerɛfo ne Lewifo a na wɔrekyerɛkyerɛ ase akyerɛ ɔmanfo no ka kyerɛɛ wɔn se, “Munnsu da a ɛte sɛɛ yi! Efisɛ nnɛ yɛ da kronkron wɔ
10 Na Nehemia toaa so sɛ, “Momfa nnuan pa ne anonne a ɛyɛ dɛ nkodi afahyɛ no na mo ne wɔn a wonni nnuan pa a wɔanoa no nnidi. Nnɛ yɛ da kronkron wɔ
11 Na Lewifo no nso kasae se, “Hwɛ! Munnsu. Efisɛ nnɛ yɛ da kronkron” de dwudwoo wɔn.
12 Na nnipa no kodidii, kyɛɛ nnuan, nomee, dii dapɔnna no anigye so, efisɛ wɔtee Onyankopɔn nsɛm no, tee ase.
13 Na ɔsram Tisri (bɛyɛ Ahinime) da a ɛto so akron no, mmusua ntuanofo no ne asɔfo no ne Lewifo no ne Ɛsra hyiae sɛ, wɔrehwehwɛ mmara no mu fekɔfekɔ. 14 Wɔkɔɔ mmara no mu no, wohuu sɛ
16 Enti nnipa no kotwitwaa nnua mman, na wɔde sisii asese wɔ wɔn afi, wɔn adiwo, Onyankopɔn asɔredan adiwo anaa aguabɔbea a ɛwowɔ Asuten Pon no ne Efraim Pon no mu. 17 Enti obiara a wafi afiasenna mu aba no kɔtenaa saa asese yi mu wɔ afahyɛbere no mu nnanson; na obiara ani gyee yiye. Efi Nun babarima Yosua bere so no, na Israelfo nnii afahyɛ no wɔ saa kwan yi so da.
18 Ɛsra de nnanson kenkan Onyankopɔn mmara nhoma no wɔ afahyɛ no ase da biara, efi da a edi kan de kosi da a etwa to. Afei, Tisri ɔsram (bɛyɛ Ahinime) da a ɛto so dunum no, wɔyɛɛ nhyiamu, sɛnea Mose mmara no kyerɛ no.
<- Nehemia 7Nehemia 9 ->