Link to home pageLanguagesLink to all Bible versions on this site
12
Ayeyi Nnwom

1 Saa da no, wobɛka se:

“Mɛkamfo wo, Awurade!
Ɛwɔ mu wo bo fuw me de,
nanso afei wʼabufuw ano adwo.
Na woakyekye me werɛ.
2 Nokware, Onyankopɔn ne mʼagyenkwa;
mede me ho bɛto no so, na merensuro.
Awurade, Awurade ne mʼahoɔden ne me dwom;
na wabɛyɛ me nkwagye.”
3 Wode anigye bɛsaw nsu
afi nkwagye mmura mu.

4 Saa da no wobɛka se,

“Da Awurade ase, bɔ ne din
ma amanaman nhu nea wayɛ,
na pae mu ka se wɔama ne din so.
5 To dwom ma Awurade, efisɛ, wayɛ nea ɛwɔ anuonyam bebree.
Da eyi adi kyerɛ wiase nyinaa.
6 Momma mo nne so nto dwom anigye so
mo a mowɔ Sion,
efisɛ Israel Kronkronni a ɔte mo mu no yɛ ɔkɛse.”

<- Yesaia 11Yesaia 13 ->