1 Mfe ahannan aduɔwɔtwe a wogyee Israelfo fii nkoasom mu wɔ Misraim no a na Salomo nso adi Israel so hene mfe anan no ɔsram Sif[a] mu no, ofii ase sii
2 Asɔredan a ɔhene Salomo si maa
7 Na abo a wɔde sii asɔredan no nso, wosiesiee ho wɔ abopaebea hɔ nti, ɔdan no si no, obi ante asae, pɛe anaa dade biara nnyigyei wɔ ɔdansibea hɔ.
8 Na ɔkwan a wɔde kɔ ase adan no mu no da Asɔredan no anafo fam. Atrapoe kyinkyimii na wɔforo kɔ ɔdan a ɛto so abien no so na foforo nso wɔ adan a ɛto so abien ne abiɛsa no ntam. 9 Wowiee asɔredan no si no, Salomo de nnua ne sida mpuran yɛɛ ani nsamso no. 10 Sɛnea wɔaka no, na adan wowɔ ɔdan no afanan nyinaa a wɔnam sida so de abata Asɔredan no afasu no ho. Ɔdan no mu biara sorokɔ yɛ anammɔn ason.
11 Na
14 Na Salomo wiee asɔredan no si. 15 Na emu nyinaa, efi fam kosi nsamso no, wɔde nnua na ɛkataa fasu no anim. Wɔde sida na ɛkataa ɔfasu no anim, na wɔde ɔpepaw kataa abrannaa no so. 16 Otwaa mu, nyaa kronkronbea a ɛhɔ yɛ kronkron mu kronkron wɔ asɔredan no ti mu hɔ pɛɛ. Na ɛhɔ ntwemu yɛ anammɔn aduasa a wɔde sida asam fam hɔ, de kosi ani nsɛmee no so. 17 Asɔredan no ankasa a na ɛwɔ kronkron mu kronkron no akyi no, na ne tenten mu yɛ anammɔn aduosia. 18 Wɔde sida na ɛsam abo afasu a ɛwɔ asɔredan no nyinaa so, na wosen ntoa fɛfɛ ne nhwiren de dii nsɛmee no ani adwinni.
19 Salomo siesiee kronkron mu kronkron a ɛtoa asɔredan no so; faako a wɔde
23 Kronkronbea mu hɔ, ɔde ngodua sen kerubim abien a emu biara sorokɔ yɛ anammɔn dunum, de sisii hɔ. 24 Kerubim baako biara ntaban mu trɛw yɛ anammɔn dunum a, ntaban baako biara tenten yɛ anammɔn ason ne fa. 25 Na kerubim abien no nyinaa tebea ne wɔn kɛse yɛ pɛ 26 a ɔbaako biara sorokɔ yɛ anammɔn dunum. 27 Salomo de wɔn sisi bɛnee wɔn ho wɔn ho wɔ asɔredan kronkronbea mu hɔ. Wɔn ntaban mu trɛw no fi ɔfasu baako kɔka ɔfasu baako. Na wɔn ntaban a ɛwɔ ntam no hyia ɔdan no mfimfini. 28 Na ɔde sikakɔkɔɔ duraa kerubim abien no ho.
29 Na kronkronbea mu afasu ne ɔdan mu no, odii adwinni a ɛyɛ kerubim mmedua ne nhwiren guu ho. 30 Na ɔde sikakɔkɔɔ duraa adan abien no abrannaa so.
31 Ɔkwan a wɔfa so kɔ kronkronbea mu hɔ no, Salomo de ngodua yɛɛ apon abien a emu biara wɔ twɔtwɔw anum. 32 Saa apon no ho nso, na wɔadi kerubim, mmedua ne nhwiren adwinni, na ne nyinaa nso, ɔde sikakɔkɔɔ duraa ho. 33 Afei, ɔde ngodua yɛɛ apongua a emu biara wɔ twɔtwɔw anan a wɔfa hɔ kɔ asɔredan no mu. 34 Ɔde ɔpepaw nnua yɛɛ apon abien a wɔbobɔw, na wosii ɔpon no biara wɔ ɔkwan bi so sɛ, emu biara tumi bobɔw gu ɛno ara so. 35 Wɔde kerubim, mmedua ne nhwiren adi saa apon yi ho adwinni, na wɔde sikakɔkɔɔ adura ho.
36 Wosii adiwo hɔ afasu no a sida nnua mmeaso baako wɔ abo a wɔatwa ntotoso abiɛsa biara so.
37 Wɔtoo